Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 64
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 64 Bible text
Ao, sɛ anka wobɛsunsuane ɔsorosoro mu, asiane aba fam a,ɛno na anka mmepɔ no ho bɛpopo wɔ wʼanim!
Sɛdeɛ ogya ma mmabaa dɛrena ɛma nsuo huru no,siane bra fam na ma wʼatamfoɔ nhunu wo dinna ma amanaman no ho mpopo wɔ wʼanim!
Na ɛberɛ a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa a yɛanhwɛ anim no,wosiane baa fam na mmepɔ no ho popoo wɔ wʼanim.
Ɛfiri teteete obiara nteeɛ,ɛntwaa obiara aso mu,ani biara nhunuu Onyankopɔn bi sɛ wo,deɛ ɔdi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no.
Woboa wɔn a wɔde anigyeɛ yɛ deɛ ɛtene,wɔn a wɔkae wʼakwan.Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wo no,wo bo fuiɛ.Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa?
Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho nteɛ,na yɛn tenenee nneyɛɛ nyinaa te sɛ ntomago fi;yɛn nyinaa akusa te sɛ ahahan,na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa.
Obiara mmɔ wo din,na obiara mpere sɛ ɔbɛso wo mu;ɛfiri sɛ wode wʼanim ahinta yɛnna yɛn bɔne enti woama yɛasɛe.
Nanso, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya.Yɛyɛ dɔteɛ, na wo ne ɔnwomfoɔ no;yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.
Mma wo bo mfu ntra so, Ao Awurade;nkae yɛn bɔne da biara da.Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo,ɛfiri sɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfoɔ.
Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ animuonyam, faako a yɛn nananom yii wo ayɛ no,wɔde ogya ahye,na deɛ ɛsom bo ma yɛn no, abubu.
Yei nyinaa akyi, Ao Awurade wo de wo ho bɛkame yɛn anaa?Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so anaa?