Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 57

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 57 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ateneneefoɔ wu,na obiara nnwene ho wɔ nʼakoma mu;wɔfa Nyamesurofoɔ kɔ,na obiara nte aseɛsɛ wɔfa teneneefoɔ kɔsɛdeɛ wɔbɛyi wɔn afiri bɔne mu.

ASCB: 2ASCB

Wɔn a wɔnante tee nowɔhyɛne asomdwoeɛ mu;wɔnya ahomegyeɛ ɛberɛ a wɔadeda sɛ awufoɔ.

ASCB: 3ASCB

“Nanso, mo, mommra ha, mo ɔbayifoɔ mmammarima,mo awaresɛefoɔ ne mmaa adwamanfoɔ mma!

ASCB: 4ASCB

Hwan na moresere no?Hwan na moredi ne ho fɛna morebɔ no adapaa yi?Monnyɛ atuatefoɔ fekuone atorofoɔ asefoɔ anaa?

ASCB: 5ASCB

Mode ɔpɛ mmorosoɔ bɔ afɔdeɛ wɔ adum mune dua biara ase;mode mo mma bɔ afɔdeɛ wɔ mmɔnhwa a emu dɔ mune abotan mpaapaeɛ ase.

ASCB: 6ASCB

Anyame a wɔyɛ aboɔ tromtrom, a ɛwɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu no,wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ.Aane, moahwie nsã afɔrebɔdeɛ agu wɔn sona mode aduane afɔrebɔdeɛ ama wɔn.Yeinom nyinaa akyi, mengo me nsam anaa?

ASCB: 7ASCB

Moasiesie mo daberɛ wɔ kokoɔ a ɛkorɔn so;ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔdeɛ.

ASCB: 8ASCB

Mo apono ne aponnwa akyina mo de mo abosonsom nsɛsodeɛ asisi.Mofirii mʼakyi kɔyii mo mpa so ntoma,mokɔdaa so na motrɛɛ mu;mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam,na mohwɛɛ wɔn adagya mu.

ASCB: 9ASCB

Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛnna momaa mo nnuhwam dɔɔso.Mosomaa mo ananmusifoɔ kɔɔ akyirikyiri;mo siane kɔɔ ɛda mu ankasa!

ASCB: 10ASCB

Mo nneyɛɛ maa mo brɛeɛ,nanso moanka da sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ.’Monyaa akɔnnɔ ahoɔden foforɔ,enti mokɔɔ so ara yɛɛ deɛ mopɛ.

ASCB: 11ASCB

“Hwan na wama mo akoma atu na wabɔ mo hu seia enti moanni me nokorɛ,na moankae meanaa moannwene yei ho wɔ mo akoma mu?Mayɛ dinn akyɛre no entina monnsuro me anaa?

ASCB: 12ASCB

Mɛda mo tenenee ne mo nnwuma adi,na ɛho remma mo mfasoɔ.

ASCB: 13ASCB

Sɛ moteam pɛ mmoa a,momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo!Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ,ahome kɛkɛ bɛhwete wɔn.Nanso onipa a ɔde me yɛ ne dwanekɔbea nobɛdi asase no sona wafa me bepɔ kronkron no.”

ASCB: 14ASCB

Na wɔbɛka sɛ:“Monyɛ, monyɛ. Monsiesie ɛkwan no!Monyiyi akwansideɛ mfiri me nkurɔfoɔ akwan mu.”

ASCB: 15ASCB

Na yei ne deɛ ɔkorɔn no,deɛ ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no seɛ:“Mete beaeɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron,me ne deɛ ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te,sɛ mɛkanyane honhom mu hiani no honhom,na makanyane nʼakoma a abubu no.

ASCB: 16ASCB

Meremmɔ soboɔ afebɔɔ,na mebo remfu daa,sɛ anyɛ saa a, onipa honhom bɛtɔ piti wɔ mʼanim,onipa ahome a me na mabɔ.

ASCB: 17ASCB

Wɔn nnebɔne adufudepɛ maa me bo fuiɛ;metwee wɔn aso, na mede abufuo yii mʼani,nso wɔkɔɔ so yɛɛ deɛ wɔn akoma pɛ.

ASCB: 18ASCB

Mahunu wɔn nneyɛɛ, nanso mɛsa wɔn yadeɛ.Mɛkyerɛ wɔn kwan na makyekye wɔn werɛ,

ASCB: 19ASCB

na mama ayɛyie aba wɔn a wɔredi awerɛhoɔ wɔ Israel ano.Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ, mmra wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn so,”sei na Awurade seɛ. “Na mɛsa wɔn yadeɛ.”

ASCB: 20ASCB

Na amumuyɛfoɔ te sɛ ɛpo a ɛrehuru,ɛntumi nyɛ komm,nʼasorɔkye yiyi atɛkyɛ ne efi.

ASCB: 21ASCB

“Amumuyɛfoɔ nni asomdwoeɛ.” Sei na me Onyankopɔn seɛ.