Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 56

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 56 Bible text

ASCB: 1ASCB

Yei ne deɛ Awurade seɛ:“Monkɔ so mmu atɛnteneneena monyɛ deɛ ɛyɛ,ɛfiri sɛ me nkwagyeɛ abɛnna ɛrenkyɛre me tenenee bɛda adi.

ASCB: 2ASCB

Nhyira nka onipa a ɔyɛ yeinom,onipa a ɔkura mu denden:deɛ ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron,na ɔkame ne ho firi bɔneyɛ ho.”

ASCB: 3ASCB

Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka sɛ,“Ampa ara Awurade renkane me mfra ne nkurɔfoɔ mu.”Na opiani biara nso nwiinwii sɛ,“Meyɛ duawuiɛ.”

ASCB: 4ASCB

Sei na Awurade seɛ,“Apiafoɔ a wɔkae me home nna,wɔn a wɔyɛ deɛ ɛsɔ mʼanina wɔkura mʼapam mu denden,

ASCB: 5ASCB

mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu,nkaedeɛ ne edin aɛkyɛn mmammarima ne mmammaa;mɛma wɔn edin a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ,edin a ɛrentwam.

ASCB: 6ASCB

Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awuradesɛ wɔbɛsom no,sɛ wɔbɛdɔ Awurade din,na wɔasɔre no,wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa,na wɔkura mʼapam mu denden;

ASCB: 7ASCB

yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no sona mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie.Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no,mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so;na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ aaman nyinaa bɔ mpaeɛ.”

ASCB: 8ASCB

Otumfoɔ Awurade,deɛ ɔboaboa Israel atukɔfoɔ ano no ka sɛ:“Mɛkɔ so aboaboa afoforɔ ano aka wɔn hoaka wɔn a maboa wɔn ano dada no ho.”

ASCB: 9ASCB

Mommra, mo wiram mmoadoma nyinaa,mommɛdidi, mo kwaeɛm mmoa nyinaa!

ASCB: 10ASCB

Israel awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ,wɔn mu biara nni nimdeɛ;wɔn nyinaa yɛ nkraman mum,wɔntumi mmobɔ mu;wɔdeda hɔ na wɔsoso daeɛ,nna yɛ wɔn dɛ.

ASCB: 11ASCB

Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduane yie;wɔnnidi mmee da.Wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ;wɔn nyinaa fa wɔn ɛkwan,obiara pɛ nʼankasa mfasoɔ.

ASCB: 12ASCB

“Mommra,” obiara team sɛ, “momma me nsã!Momma yɛnnom nsaden mmoro!Na ɔkyena bɛyɛ sɛ ɛnnɛ,ebia ɛbɛsene ɛnnɛ koraa.”