Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 54
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 54 Bible text
“To dwom, Ao, ɔbonini, di ahurisie,wo a wonnwoo da;ma wo nne so na team,wo a awoɔ nkaa wo da;ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mmaadɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu,” Awurade na ɔseɛ.
“Trɛ wo ntomadan no mu;twe wo ntomadan ntwamu no mu,nnyae yɛ;toa wo ntampehoma no so,bobɔ wo mpɛɛwa no so ma ɛntim yie.
Ɛfiri sɛ wobɛtrɛ akɔ nifa ne benkum;wʼasefoɔ bɛgye aman afana wɔatena wɔn nkuropɔn a asɛe no so.
“Nsuro. Wʼanim rengu ase.Nsuro aniwuo. Wɔremmrɛ wo ase.Wo werɛ bɛfiri wo mmabunu mu aniwuona wo kunayɛ mu ahohora nso, worenkae bio.
Na wo Bɔfoɔ yɛ wo kunuAsafo Awurade ne ne din,Israel Ɔkronkronni no yɛ wo Gyefoɔ.Wɔfrɛ no asase nyinaa so Onyankopɔn.
Awurade bɛsane afrɛ wote sɛ ɔyere a woagyaa no na ɔdi yea wɔ nʼakoma mu,ɔyere a ɔwaree mmabaawaberɛ muna wogyaa no mpofirim,” wo Onyankopɔn na ɔseɛ.
Abufuo mmorosoɔ mu,mede mʼani hintaa wo mmerɛ tiawa bi,nanso mʼayamyɛ a ɛnsa da enti,mɛhunu wo mmɔbɔ,”deɛ Awurade, wo Gyefoɔ seɛ nie.
“Yei te sɛ Noa mmerɛ so a mekaa ntam sɛmeremma nsuyire nkata asase ani bio.Enti afei maka ntam sɛ meremma mebo mfu wo bio,na merenka wʼanim bio.
Sɛ mmepɔ woso,na nkokoɔ tutu a,me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhimna mʼasomdwoeɛ apam no rentwam,”sei na Awurade a ɔwɔ ahummɔborɔ ma mo no seɛ.
“Ao, kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ,mede aboɔ anintɔnka bɛsiesie wo,na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wo fapem.
Mede bogyaboɔ bɛto wʼabantifi afasuo,na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapono,na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wʼafasuo nyinaa.
Wobɛtim wɔ tenenee mu:Wo ne nhyɛsotrasoɔ ntam kwan bɛware;worensuro biribiara.Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri,na ɛremmɛn wo.
“Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfoɔa ɔfite gyasramma mu ma ɛdɛrena ɔde ahoɔden bɔ akodeɛ a ɛfata ne dwumadie.Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔmmɛsɛe adeɛ;
akodeɛ biara a wɔabɔ atia wo no rennyinana tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo soboɔ no, wobɛbɔ agu.Yei ne Awurade nkoa agyapadeɛne wɔn bembuo a ɛfiri me,” Awurade na ɔseɛ.