Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 53

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 53 Bible text

ASCB: 1ASCB

Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie,na Awurade abasa no, hwan so na ada adie?

ASCB: 2ASCB

Ɔnyinii wɔ nʼanim te sɛ dua mono ketewa bi,te sɛ nhini a ɛfiri asase wesee mu.Ɔnni ahoɔfɛ anaa animuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn.Na biribiara nni ne ho ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.

ASCB: 3ASCB

Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no,Ɔwerɛhoni a ɔnim ɔyea.Yɛdanee yɛn ani a yɛanhwɛ no mpo;wɔbuu no animtiaa na yɛn nso, yɛammu no.

ASCB: 4ASCB

Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛyɛ,na ɔsoaa yɛn awerɛhoɔ,nanso yɛbuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso.Yebuu no sɛ Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛ no.

ASCB: 5ASCB

Nanso, yɛn mmarato enti na wɔpiraa noɔ,yɛn amumuyɛ enti na wɔdwerɛɛ no;asotwe a ɛde asomdwoeɛ brɛɛ yɛn no daa no so,na nʼapirakuro mu na yɛnya ayaresa.

ASCB: 6ASCB

Yɛn nyinaa ayera yera te sɛ nnwan,yɛn mu biara afa ne kwan;na Awurade de yɛn nyinaaamumuyɛ asoa.

ASCB: 7ASCB

Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no aniɛyaa,nanso wammue nʼano;wɔde no kɔɔeɛ te sɛ odwammaa a wɔrekɔku no.Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no,saa ara na wammue nʼano.

ASCB: 8ASCB

Wɔnam nhyɛsoɔ ne atemmuo so faa no kɔɔeɛ.Na hwan na ɔbɛtumi aka nʼasefoɔ ho asɛm?Ɛfiri sɛ wɔyii no firii asase yi so;me nkurɔfoɔ mmarato enti, wɔtwee nʼaso.

ASCB: 9ASCB

Wɔyɛɛ ne damena wɔ abɔnefoɔ mu,na ne wuo mu, wɔde no too adefoɔ muɛwom sɛ wanyɛ akakabensɛm biara,na obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano.

ASCB: 10ASCB

Nanso ɛyɛɛ Awurade pɛ sɛ ɔbɛdwerɛ no ama no ahunu amane.Mpo ɔde ne nkwa ayɛ afɔdie afɔrebɔdeɛ.Ɔbɛhunu nʼasefoɔ na ne nna bɛware,na Awurade pɛ bɛkɔ so wɔ ne nsam.

ASCB: 11ASCB

Ne kra amanehunu akyi,ɔbɛhunu nkwa hann, na ne bo atɔ ne yam;na ne suahunu mu, me ɔsomfoɔ teneneeni no bɛbu bebree bem,na wasoa wɔn amumuyɛ.

ASCB: 12ASCB

Enti mɛma no kyɛfa wɔ akɛsefoɔ mu,na ɔne ahoɔdenfoɔ bɛkyɛ asadeɛɛfiri sɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owuo,na wɔkan no fraa mmaratofoɔ.Ɔsoaa nnipa bebree bɔne,na ɔdi maa mmaratofoɔ.