Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛdi Ɛkan (Gyenesis) 9

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛdi Ɛkan (Gyenesis) 9 Bible text

ASCB: 1ASCB

Afei, Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mmammarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monwo, na monyɛ bebree nhyɛ asase so ma.

ASCB: 2ASCB

Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa ne abɔdeɛ biara a wɔnam asase so ne nsuo mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa.

ASCB: 3ASCB

Biribiara a nkwa wɔ mu, na ɛkeka ne ho no bɛyɛ mo aduane. Sɛdeɛ mede nhahammono hyɛɛ mo nsa no, afei deɛ, mede biribiara ma mo.

ASCB: 4ASCB

“Nanso, ɛnsɛ sɛ mowe aboa a wɔntwaa ne mene mmaa ne mogya no nguiɛ no ɛnam.

ASCB: 5ASCB

Wo nkwa deɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, mɛbisa ho akontabuo. Onipa a ɔkum ne yɔnko onipa no, mɛbisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a ɔbɛkum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mɛbisa onipa kra ho asɛm.

ASCB: 6ASCB

“Obiara a ɔhwie onipa mogya guo no,onipa so na wɔnam bɛhwie ɔno nso mogya aguo,ɛfiri sɛ, Onyankopɔn no ara sɛso na ɔbɔɔ onipa.

ASCB: 7ASCB

Mo deɛ, monwo, na monyɛ bebree. Mo ase mfɛe asase so, na monnɔɔso.”

ASCB: 8ASCB

Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mmammarima a wɔka ne ho no sɛ,

ASCB: 9ASCB

“Ɛnnɛ, me ne mo ne mo asefoɔ a wɔbɛwo wɔn no

ASCB: 10ASCB

ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a na wɔwɔ mo nkyɛn wɔ adaka no mu yɛ apam: nnomaa, nyɛmmoa ne wiram mmoa a wɔne mo firi adaka no mu no baeɛ nyinaa, ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ asase so.

ASCB: 11ASCB

Me ne mo yɛ mʼapam sɛ: Meremfa nsuyire nsɛe abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so. Saa ara nso na meremfa nsuyire nsɛe asase bio da.”

ASCB: 12ASCB

Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Yei ne apam a me, Onyankopɔn, ne mo ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu biara a wɔka mo ho no ne nkyirimma nyinaa reyɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ.

ASCB: 13ASCB

Mato me nyankontɔn wɔ omununkum mu. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛbɛda me ne asase ntam.

ASCB: 14ASCB

Ɛberɛ biara a mede omununkum bɛba asase ani, na sɛ nyankontɔn pue wɔ omununkum no mu a,

ASCB: 15ASCB

mɛkae mʼapam a ɛda me ne mo ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ no nyinaa ntam. Nsuyire a ɛbɛsɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu no nyinaa remma da biara da bio.

ASCB: 16ASCB

Ɛberɛ biara a nyankontɔn bɛto wɔ omununkum mu no, mɛhunu, na makae apam a ɛwɔ hɔ daa a ɛda me, Onyankopɔn, ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ asase yi so ntam no.”

ASCB: 17ASCB

Enti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Yei ne apam a me ne abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a, wɔwɔ asase yi so ayɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ.”

ASCB: 18ASCB

Yeinom ne Noa mmammarima a wɔfiri adaka no mu baeɛ: Sem, Ham ne Yafet. Ham na ɔwoo Kanaan.

ASCB: 19ASCB

Yeinom ne Noa mmammarima. Wɔn mu na nnipa a, wɔahwete wɔ asase so nyinaa firi baeɛ.

ASCB: 20ASCB

Noa yɛ okuafoɔ a ɔdii ɛkan. Ɔyɛɛ bobefuo.

ASCB: 21ASCB

Ɛda bi, ɔnom bobesa no bi boroeɛ, ma ɔdaa ne ntomadan mu adagya.

ASCB: 22ASCB

Ham a ɔwoo Kanaan no kɔtoo nʼagya Noa sɛ ɔda adagya. Ɔfirii hɔ no, ɔkɔbɔɔ ne nuammarima baanu no amaneɛ.

ASCB: 23ASCB

Enti, Sem ne Yafet faa atadeɛ de guu wɔn mmati so, kɔɔ nkyirinkyire de kɔkataa wɔn agya adagya so. Na wɔn ani nkyerɛ wɔn agya enti, wɔanhunu nʼadagya mu.

ASCB: 24ASCB

Ɛberɛ a Noa ani so tetee no, na ɔhunuu deɛ ne kaakyire no ayɛ no,

ASCB: 25ASCB

ɔkaa sɛ,“Nnome nka Ham asefoɔ a wɔyɛ Kanaanfoɔ.Wɔbɛyɛ wɔn nuanommu nkoa mu nkoa.”

ASCB: 26ASCB

Noa kaa bio sɛ,“Me nhyira a ɛfiri Awurade, me Onyankopɔn, nkyɛn no nka Sem!Kanaan nyɛ Sem akoa.

ASCB: 27ASCB

Onyankopɔn ntrɛ Yafet ase ne nʼasase mu.Yafet ntena Sem ntomadan mu,na Kanaan nyɛ nʼakoa.”

ASCB: 28ASCB

Nsuyire no akyiri no, Noa tenaa ase mfeɛ ahasa ne aduonum.

ASCB: 29ASCB

Noa dii mfeɛ aha nkron ne aduonum, ansa na ɔrewu.