Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛdi Ɛkan (Gyenesis) 10

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛdi Ɛkan (Gyenesis) 10 Bible text

ASCB: 1ASCB

Yeinom ne Noa mmammarima: Wɔn ne Sem, Ham ne Yafet asefoɔ. Wɔwowoo mmammarima nsuyire no akyiri.

ASCB: 2ASCB

Yafet asefoɔ nie:Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

ASCB: 3ASCB

Gomer asefoɔ nie:Askenas, Rifat ne Togarma.

ASCB: 4ASCB

Yawan asefoɔ nie:Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.

ASCB: 5ASCB

Na wɔn asefoɔ bɛyɛɛ ɛpo so adwumayɛfoɔ wɔ nsase ahodoɔ so a na abusuakuo biara ka ne kasa nko.

ASCB: 6ASCB

Ham asefoɔ nie:Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

ASCB: 7ASCB

Kus asefoɔ nie:Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka.Na Raama asefoɔ nso ne:Saba ne Dedan.

ASCB: 8ASCB

Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so.

ASCB: 9ASCB

Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokoɔdurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no no ho.

ASCB: 10ASCB

Nʼahennie hyɛɛ aseɛ wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a, ne nyinaa wɔ Sinear asase so.

ASCB: 11ASCB

Ɔfirii saa asase no so trɛɛ nʼahennie mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne

ASCB: 12ASCB

Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kuro kɛseɛ wɔ saa ahemman no mu.

ASCB: 13ASCB

Na Misraim wooLudfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ,

ASCB: 14ASCB

Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ agyanom.

ASCB: 15ASCB

Na Kanaan woo nʼabakanSidon ne Het.

ASCB: 16ASCB

Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,

ASCB: 17ASCB

Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ,

ASCB: 18ASCB

Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ.Akyire yi, Kanaanfoɔ mmusua no peteeɛ.

ASCB: 19ASCB

Kanaan nsase ahyeɛ trɛ firii Sidon kɔduruu Gerar de kɔsii Gasa kɔduruu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kɔsi Lasa.

ASCB: 20ASCB

Yeinom ne Ham asefoɔ a wɔn mmusuakuo, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.

ASCB: 21ASCB

Sem a na ne nua panin ne Yafet no nso woo mmammarima. Sem nananom ne Eber mma.

ASCB: 22ASCB

Sem asefoɔ nie:Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

ASCB: 23ASCB

Aram asefoɔ nie:Us, Hul, Geter ne Mas.

ASCB: 24ASCB

Na Arfaksad woo Sela,ɛnna Sela woo Eber.

ASCB: 25ASCB

Eber woo mmammarima baanu.Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.

ASCB: 26ASCB

Yoktan wooAlmodada, Selef, Hasarmawet, Yera,

ASCB: 27ASCB

Hadoram, Usal, Dikla,

ASCB: 28ASCB

Obal, Abimael, Seba,

ASCB: 29ASCB

Ofir, Hawila ne Yobab.

ASCB: 30ASCB

Asase a wɔte so no trɛ firi Mesa kɔsi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔ so wɔ apueeɛ fam no.

ASCB: 31ASCB

Yeinom ne Sem mmammarima, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.

ASCB: 32ASCB

Yeinom ne Noa mmammarima mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ te wɔ wɔn amanaman mu. Na ɛfiri yeinom mu na nsuyire no akyiri amanaman petee asase so.