Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Enum (Deuteronomium) 33

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Enum (Deuteronomium) 33 Bible text

ASCB: 1ASCB

Yei ne nhyira a Onyankopɔn onipa Mose de hyiraa Israelfoɔ no ansa na ɔrewu:

ASCB: 2ASCB

Ɔkaa sɛ,“Awurade firi Sinai ba bɛpueeyɛn so firii Seir;ɔhran firii Paran bepɔ so.Ɔde akronkronfoɔ pii ba firiianafoɔ fam ne mmepɔ nsianeɛ so.

ASCB: 3ASCB

Nokorɛ mu, wo wodɔ wo nnipa no,akronkronfoɔ nyinaa wɔ wo nsam.Wɔkoto wo nan ase,na wɔnya nkyerɛkyerɛ firi wo hɔ;

ASCB: 4ASCB

mmara a Mose de maa yɛn no:Yakob nkurɔfoɔ agyapadeɛ.

ASCB: 5ASCB

Awurade yɛɛ ɔhene wɔ Yeshurunɛberɛ a nnipa no ntuanofoɔ hyiaaIsrael mmusuakuo no.

ASCB: 6ASCB

“Ma Ruben nya nkwa. Mma nʼase ntɔre.Na ne mmarima nso, mma wɔn so nhwan.”

ASCB: 7ASCB

Asɛm a Mose ka faa Yuda abusuakuo ho nie:“Tie Ao Awurade, tie Yuda sufrɛfa no brɛ ne nkurɔfoɔ.Ɔde nʼankasa ahoɔden bɔ ne ho ban.Yɛ ne ɔboafoɔ na tia nʼatamfoɔ!”

ASCB: 8ASCB

Asɛm a Mose ka faa Lewi abusuakuo ho nie:“Ao Awurade, wode ade kronkronama wʼasomfoɔ nokwafoɔ Lewifoɔ.Wosɔɔ wɔn hwɛɛ wɔ Masawone wɔn koeɛ wɔ Meriba asuo ho.

ASCB: 9ASCB

Lewifoɔ tiee wʼasɛmbɔɔ wʼapam no ho ban.Wɔdii wo nokorɛsene sɛdeɛ wɔdii wɔn awofoɔ,wɔn abusuafoɔ ne wɔn mma nokorɛ.

ASCB: 10ASCB

Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no.Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfoɔ.Wɔde aduhwam bɛba wʼanimAbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so.

ASCB: 11ASCB

Hyira Lewifoɔ, Ao Awuradena ma wɔn nnwuma nyinaa nsɔ wʼani.Bubu wɔn atamfoɔ nnwonku;bɔ wɔn atamfoɔ hwe fam a wɔnsɔre bio.”

ASCB: 12ASCB

Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuo ho nie:“Awurade dɔ Benyamin nkurɔfoɔna wɔnya banbɔ wɔ ne mu.Ɔtwa wɔn ho hyia ɛberɛ biarana ɔbɔ wɔn ho ban firi ɔhaw biara mu.”

ASCB: 13ASCB

Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuo ho nie:“Awurade nhyira wɔn nsase;ɔmfa ne bosuo pa a ɛfiri sorosorone nsuo a ɛfiri asase ase pɛɛ no,

ASCB: 14ASCB

ne nnepa a ɛnyini wɔ owia mune adonneɛ a ɛba ɔbosome biara mu;

ASCB: 15ASCB

ne nnɔbaeɛ pa a ɛfiri tete mmepɔ mune deɛ abu so wɔ nkokoɔ a ɛtim hɔ daa mu

ASCB: 16ASCB

ne akyɛdeɛ amapa dodoɔ a ɛfiri asase mu,ne adom a ɛfiri deɛ ɔpuee wɔ ogya a ɛrederɛ no mu.Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef sonhyɛ no ahenkyɛ wɔ ne nuanom mu.

ASCB: 17ASCB

Yosef wɔ ahoɔden ne tumi sɛ nantwie ba.Nʼahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn.Ɔde bɛwowɔ akyirikyiri aman,apamo wɔn akɔ asase ano.Yei ne me nhyira amede rema Efraim bebrebene Manase mpempem no.”

ASCB: 18ASCB

Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuo ho nie:“Sebulon asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo akwantuo biara mu.Isakar asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo fie ntomadan mu.

ASCB: 19ASCB

Wɔfrɛ nnipa no kɔ bepɔ no sokɔbɔ afɔdeɛ a ɛdi mu wɔ hɔ.Wɔnya mfasoɔ firi ɛpo mu nnepane ademudeɛ a ahinta wɔ anwea mu.”

ASCB: 20ASCB

Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuo ho nie:“Nhyira nka obi a ɔtrɛ Gad mantam mu!Gad ayɛ krado sɛ gyataa ɔrebɛtu abasa anaa wate etire.

ASCB: 21ASCB

Gad nkurɔfoɔ gyee asase pa no maa wɔn ho;ɔkannifoɔ kyɛfa na wɔde maa wɔn.Ɛberɛ a nkurɔfoɔ no mpanimfoɔ hyiaeɛ no,wɔde Awurade atɛntenenee yɛɛ adwuma,na wɔdii mmara a wɔde maa Israelfoɔ no so.”

ASCB: 22ASCB

Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuo ho nie:“Dan yɛ gyata ba aɔrehurihuri firi Basan.”

ASCB: 23ASCB

Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuo ho nie:“Ao Naftali, wowɔ adom bebreena Awurade nhyira ayɛ wo ma;atɔeɛ fam ne anafoɔ fam bɛyɛ wo kyɛfa.”

ASCB: 24ASCB

Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuo ho nie:“Aser nnya animuonyam wɔ ne nuanom anim;ne nuanom mfa anidie mma no;wɔmfa ngo nsra ne nan ho.

ASCB: 25ASCB

Wʼapono ho nkyerewa nyɛ dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ;Awurade mmɔ wo ho ban wo nkwa nna nyinaa.

ASCB: 26ASCB

“Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Onyankopɔn;Ɔnam ɔsorosoro bɛboa wo,ɔde ne tumi nante omununkum mu.

ASCB: 27ASCB

Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo dwanekɔbea;nʼabasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo.Ɔbɛpam wʼatamfoɔ afiri wʼanim;Ɔno na ɔteaam sɛ, ‘Sɛe wɔn!’

ASCB: 28ASCB

Enti, Israel bɛtena ase asomdwoeɛ mu;Yakob a wanya nkɔsoɔ bɛnya banbɔwɔ asase a aduane ne nsã wɔ so,na ɔsoro tɔ bosuo gu so.

ASCB: 29ASCB

Nhyira nka mo, Ao Israel!Hwan na ɔte sɛ mo,nnipa a Awurade agye mo nkwa.Ɔyɛ mo akokyɛm ne mo ɔboafoɔne mo nkonimdie akofena!Mo atamfoɔ bɛkoto mo anim,na moatiatia wɔn so.”