Skip to main content

Scripture

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Enum (Deuteronomium) 32

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Enum (Deuteronomium) 32 Bible text

ASCB: 1ASCB

Monyɛ aso, Ao ɔsoro na mɛkasa!Tie, Ao asase, nsɛm a ɛfiri mʼanom.

ASCB: 2ASCB

Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ agu mo so sɛ nsuo;me kasa bɛgu sɛ obosuo.Me nsɛm bɛtɔ sɛ osuo a ɛgu ɛserɛ foforɔ so,te sɛ nsuo a ɛpete afifideɛ foforɔ so.

ASCB: 3ASCB

Mɛbɔ Awurade din;Animuonyam wɔ yɛn Onyankopɔn.

ASCB: 4ASCB

Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ;Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ.Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ;Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no.

ASCB: 5ASCB

Nanso wɔayɛ amumuyɛsɛm atia no;sɛ wɔyɛ saa a, na wɔyɛ ne mma anaa?Wɔyɛ adaadaafoɔ ne nkyirimma kɔntɔnkye.

ASCB: 6ASCB

Saa na ɛsɛ sɛ mo ne Awurade di no?Mo nkwaseafoɔ ne adwenemherɛfoɔ.Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfoɔ?Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinasoɔ?

ASCB: 7ASCB

Monkae tete nna;monnwene awoɔ ntoatoasoɔ a atwam ho.Mommisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo.Mommisa mo mpanimfoɔ na wɔbɛka akyerɛ mo.

ASCB: 8ASCB

Ɛberɛ a Ɔsorosoroni kyekyɛɛ nsase maa amanaman,na ɔkyekyɛɛ adasamma mu no,ɔtotoo ahyeɛ maa nnipa nosɛdeɛ Israelfoɔ no ano sie.

ASCB: 9ASCB

Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ Awurade dea;Yakob yɛ nʼagyapadeɛ sononko.

ASCB: 10ASCB

Ɔhunuu wɔn wɔ ɛserɛ asase soAsase kesee a hwee nni so so.Ɔtwaa wɔn ho hyiaeɛ, hwɛɛ wɔn so;Wɛn wɔn sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo.

ASCB: 11ASCB

Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne mma,na ɔbɔ mpɛmpɛn fa wɔn ho,saa ara na ɔtrɛɛ ne ntaban mu bumaa wɔn,sɔɔ wɔn mu den de wɔn tu kɔɔ soro.

ASCB: 12ASCB

Awurade nko na ɔkyerɛ wɔn ɛkwan.Wɔtenaa ase a wɔnni ananafoɔ anyame biara.

ASCB: 13ASCB

Ɔma wɔnante faa nkokoɔ so;Ɔma wɔdi mfuo so nnɔbaeɛ;ɔde abotan mu woɔ,ne ngo a ɛfiri abohemaa mu siesie wɔn.

ASCB: 14ASCB

Ɔde anantwie nufosuo mu sradeɛ ne nnwan nufosuo,nnwan ne mmirekyie mu sradeɛ ma wɔdiiɛ.Ɔde Basan nnwennini ne nnwan a wɔadɔre,ne atokoɔ papa maa wɔn.Monom bobesa papa a ɛfiri bobe mu.

ASCB: 15ASCB

Nanso, ankyɛre Yeshurun dɔree sradeɛ yɛɛ ahomasoɔ;nnipa no mu yɛɛ duru, yɛɛ abrane, yɛɛ pemee!Afei, wɔpaa Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn;wɔammu wɔn Botan a ɔyɛ wɔn nkwagyeɛ no.

ASCB: 16ASCB

Wɔkanyane ne ninkunutwe, ɛfiri sɛ wɔsomm anyame foforɔ;wɔyɛɛ akyiwadeɛ pii de hyɛɛ no abufuo.

ASCB: 17ASCB

Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahonhom fi, anyame huhuo,anyame a na wɔnnim wɔn dada,anyame a wɔbaa nnansa yi ara,anyame a na wɔn agyanom nsuro wɔn.

ASCB: 18ASCB

Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.Mo werɛ firii Onyankopɔn a ɔwoo mo no.

ASCB: 19ASCB

Awurade hunuu yei na wɔn ho yɛɛ no nwunu.Ɔno ankasa mmammarima ne ne mmammaa hyɛɛ no abufuo.

ASCB: 20ASCB

Ɔkaa sɛ, “Mɛgya wɔn hɔ;Mɛma wɔn awieeɛ aba!Ɛfiri sɛ, wɔyɛ awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye;mma a wɔnni nokorɛ.

ASCB: 21ASCB

Wɔde anyame foforɔ som akanyane me ninkuntwe;wɔde anyame huhuo ahyɛ me abufuo.Afei, mɛhyira aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ama wɔn ani abere;mɛhyira aman amanmufoɔ a wɔnni nteaseɛ ahyɛ wɔn abufuo.

ASCB: 22ASCB

Mʼabufuo dɛre sɛ ogya,na ɛhye kɔsi damena mu.Ɛsɛe asase ne so nnɔbaeɛ nyinaana ɛpaapae mmepɔ fapem.

ASCB: 23ASCB

“Mɛhɔre amanehunu wɔ wɔn sona mato me bɛmma awowɔ wɔn.

ASCB: 24ASCB

Mede ɛkɔm kɛseɛ,huraeɛnini ne owuyadeɛ bɛba wɔn so.Wɔde wiram mmoa sene awɔ a wɔn ano wɔ borɔ a wɔwea fam bɛha wɔn.

ASCB: 25ASCB

Mmɔntene so no wɔbɛwuwu akofena ano,na afie mu, ehu bɛtɔ wɔn so.Mmeranteɛ ne mmabaawammɔfra ne mpanin nyinaa.

ASCB: 26ASCB

Meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛbɔ wɔn ahweteama wɔn nkaeɛ ayera.

ASCB: 27ASCB

Nanso, mesuroo ɔtamfoɔ fɛdie,sɛ ebia atiafoɔ rente aseɛ na wɔaka sɛ,‘Yɛn tumi adi nkonim!Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ!’ ”

ASCB: 28ASCB

Israel yɛ ɔman a wɔnni adwene.Nnipa no yɛ nkwaseafoɔ, na wɔnni nteaseɛ.

ASCB: 29ASCB

Ao, sɛ wɔnim nyansa a, anka wɔbɛte yei ase!Ao, anka wɔbɛhunu wɔn hyɛberɛ!

ASCB: 30ASCB

Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem,na baanu bɛma ɔpedu adwane,gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn.Gye sɛ Awurade ayi wɔn ama.

ASCB: 31ASCB

Na wɔn botan nte sɛ yɛn Botan,sɛdeɛ wɔhunu no.

ASCB: 32ASCB

Wɔn bobe nyini firi Sodom bobe mufiri Gomora bobe nturom.Wɔn bobe aba yɛ awudurona wɔn siaka nso yɛ nwono.

ASCB: 33ASCB

Wɔn bobesa yɛ awɔ ano borɔ;aprammire ano borɔ kɔdiawuo.

ASCB: 34ASCB

“Merekora saa nneɛma yi nyinaa,asɔ ano de asie mʼadekoradan mu.

ASCB: 35ASCB

Mɛtɔ awere; wɔn a ɛfata wɔn no, ɛbɛtua wɔn so ka.Ɛrenkyɛre wɔn nan bɛwatiri.Wɔn amanehunu da no bɛduru,na wɔn hyɛberɛ bɛto wɔn.”

ASCB: 36ASCB

Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛnna wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho,Ɛberɛ a wahunu sɛ wɔn ahoɔden asa,na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehyeɛ.

ASCB: 37ASCB

Ɔbɛbisa sɛ, “Afei wɔn anyame no wɔ he,ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn dwanekɔbea no,

ASCB: 38ASCB

anyame a wɔdii wɔn afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ nona wɔnom wɔn afɔrebɔdeɛ mu nsã no?Ma saa anyame no nsɔre mmɛboa mo!Ma wɔnyɛ mo dwanekɔbea!

ASCB: 39ASCB

“Afei, monhunu sɛ, me ara me ne no!Onyame biara nni hɔ sɛ me!Me na mekum na mema nkwa:Me na mepira, na mesa;obi ntumi nnye wo mfiri me nsam.

ASCB: 40ASCB

Afei, mepagya me nsa kyerɛ soroKa sɛ: Sɛ mete ase yi,

ASCB: 41ASCB

Sɛ mese mʼakofena a ɛpa yerɛ yerɛ anona mefiri atemmuo ase a,mɛtɔ mʼatamfoɔ so awerena matua wɔn a wɔtan me so ka.

ASCB: 42ASCB

Mɛma me bɛmma anom mogya abo,na mʼakofena asɛe honam,atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya,ne atamfoɔ ntuanofoɔ tiri.”

ASCB: 43ASCB

Ao ɔsorosoro, mo ne no nni ahurisie,ɛfiri sɛ, ɔbɛtɔ nʼasomfoɔ mogya so were.Ɔbɛtɔ nʼatamfoɔ so awerena wadwira nʼasase ne ne nkurɔfoɔ ho.

ASCB: 44ASCB

Mose ne Nun babarima Hosea baeɛ bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no.

ASCB: 45ASCB

Mose wiee saa dwom no mu nsɛm no ka no,

ASCB: 46ASCB

ɔka kaa ho sɛ, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo akoma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi emu asɛm biara so sɛ mmara.

ASCB: 47ASCB

Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ modi so a, mo nkwa nna bɛware wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔtena so no so.”

ASCB: 48ASCB

Ɛda no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

ASCB: 49ASCB

“Kɔ Moab, kɔ mmepɔ a ɛwɔ asuo no apueeɛ no so, na foro Nebo bepɔ a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ no.

ASCB: 50ASCB

Ɛhɔ na wobɛwu wɔ bepɔ no so, na woakɔka wʼagyanom ho, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔ so kɔkaa nʼagyanom ho no.

ASCB: 51ASCB

Ɛfiri sɛ, mo baanu dii me hwammɔ wɔ Israelfoɔ mu wɔ Meriba ne Kades asuo ho wɔ Sin ɛserɛ so. Moanni me kronkronyɛ ho adanseɛ ankyerɛ Israelfoɔ no wɔ hɔ.

ASCB: 52ASCB

Ɛno enti, mobɛhunu asase no afiri akyiri, nanso mo nan rensi asase a mede rema Israelfoɔ no so.”