Skip to main content

Scripture

Samuel Nwoma A Ɛtɔ So Mmienu 9

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Samuel Nwoma A Ɛtɔ So Mmienu 9 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɛda bi, Dawid pɛɛ sɛ ɔbɛhunu sɛ obi aka wɔ Saulo fie anaa. Ɛfiri sɛ na wahyɛ Yonatan bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔn adɔeɛ.

ASCB: 2ASCB

Ɔfrɛɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Siba a na anka ɔfra Saulo asomfoɔ mu. Na ɔhene bisaa no sɛ, “Wo na wɔfrɛ wo Siba no anaa?”Ɔbuaa no sɛ, “Aane, mene Siba no.”

ASCB: 3ASCB

Ɔhene no bisaa no sɛ, “Obi aka wɔ Saulo efie anaa? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔeɛ a ɛfiri Onyankopɔn wɔ ɛkwan biara a mɛtumi so.”Siba buaa ɔhene sɛ, “Yonatan babarima obubuafoɔ bi da so wɔ hɔ.”

ASCB: 4ASCB

Ɔhene bisaa sɛ, “Ɔwɔ he?”Siba buaa sɛ, “Ɔwɔ Amiel babarima Makir fie wɔ Lo-debar.”

ASCB: 5ASCB

Na ɔhene Dawid ma wɔkɔfaa no firii Amiel babarima Makir fie wɔ Lo-debar, de no brɛɛ no.

ASCB: 6ASCB

Ne din de Mefiboset, a ɔyɛ Yonatan babarima ne Saulo nana. Ɔbaa Dawid anim no, ɔde ahopopoɔ kotoo no, kaa sɛ, “Meyɛ wo ɔsomfoɔ.”

ASCB: 7ASCB

Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro, na deɛ ɛbɛyɛ biara no, ɛsiane wʼagya Yonatan enti, mɛyɛ wo adɔeɛ. Nsase a na ɛyɛ wo nana Saulo agyapadeɛ no nyinaa, mɛsane mede mama wo, na woadidi me didipono so daa daa.”

ASCB: 8ASCB

Mefiboset bɔɔ ne mu ase kaa sɛ, “Hwan ne me, ɔkraman funu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ me saa adɔeɛ yi?”

ASCB: 9ASCB

Ɔhene frɛɛ ne ɔsomfoɔ Siba, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede biribiara a na ɛyɛ Saulo ne ne fiefoɔ agyapadeɛ no nyinaa ama wo wura Saulo nanabarima no.

ASCB: 10ASCB

Wo ne wo mmammarima ne mo asomfoɔ na mobɛdɔ asase no, ayɛ so mfuo ama no, na wanya aduane ama ne fiefoɔ. Na Mefiboset deɛ, ɔne me bɛtena mʼahemfie ha.”Na Siba a na ɔwɔ mmammarima dunum ne asomfoɔ aduonu no buaa sɛ,

ASCB: 11ASCB

“Me wura pa, asɛm a woaka akyerɛ me no nyinaa, mɛdi so.” Na ɛfiri saa ɛberɛ no, Mefiboset ne Dawid didii daa te sɛ deɛ ɔyɛ nʼasene mu ba.

ASCB: 12ASCB

Na Mefiboset wɔ ɔba abarimaa bi a ne din de Mika. Na ɛfiri saa ɛberɛ no, Siba fiefoɔ nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset asomfoɔ.

ASCB: 13ASCB

Na Mefiboset a ɔyɛ obubuafoɔ no tu kɔɔ Yerusalem kɔtenaa ahemfie hɔ.