Skip to main content

Scripture

Samuel Nwoma A Ɛtɔ So Mmienu 8

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Samuel Nwoma A Ɛtɔ So Mmienu 8 Bible text

ASCB: 1ASCB

Akyire yi, Dawid dii Filistifoɔ no so, brɛɛ wɔn ase. Ɔko gyee Gat a ɛyɛ wɔn kuropɔn kɛseɛ no.

ASCB: 2ASCB

Dawid sane dii Moabfoɔ so. Ɔmaa nnipa no dedaa fam, na ɔde ahoma susuu wɔn. Ɔsusu ahoma no mmienu a, na wakyerɛ sɛ wɔnkum saa nnipa no. Ɛnna ɔsusu ahoma no baako a, na wakyerɛ sɛ wɔnnyaa saa nkurɔfoɔ no. Enti, Moabfoɔ a wɔnyaa wɔn ti didii mu no bɛyɛɛ Dawid asomfoɔ a na afe biara wɔyi ɛtoɔ brɛ no.

ASCB: 3ASCB

Dawid sɛe Rehob babarima Hadadeser a na ɔdi ɔhene wɔ Soba no akɔdɔm, ɛberɛ a Hadadeser kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho, pɛɛ sɛ ɔkɔhyɛ ne nnisoɔ mu den.

ASCB: 4ASCB

Dawid kyeree ne nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne nammɔntwa asraafoɔ ɔpeduonu. Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntini, ma ɛkaa ɔha pɛ.

ASCB: 5ASCB

Ɛberɛ a Aramfoɔ a wɔfiri Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm wɔn mu ɔpeduonu.

ASCB: 6ASCB

Na ɔde akodɔm a wɔyɛ bansifoɔ kɔtenaa Damasko, ma Aramfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkurɔfoɔ a na wɔyi toɔ brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.

ASCB: 7ASCB

Dawid faa sikakɔkɔɔ nkuruwa a na ɛyɛ Hadadeser mpanimfoɔ dea no de ne nyinaa kɔɔ Yerusalem.

ASCB: 8ASCB

Ɔde Beta ne Berotai a na ɛyɛ Hadadeser nkuro no mu kɔbere bebree kaa ne ho kɔɔeɛ.

ASCB: 9ASCB

Ɛberɛ a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser akodɔm no ase pasaa no,

ASCB: 10ASCB

ɔsomaa ne babarima Yoram wɔ Dawid nkyɛn, bɛkyiaa no maa no amo. Na Hadadeser ne Toi yɛ atamfoɔ firi teteete a wɔako atia wɔn ho mpɛn bebree. Yoram kɔkyɛɛ Dawid nneɛma bebree a ɛyɛ, dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne kɔbere mfrafraeɛ.

ASCB: 11ASCB

Ɔhene Dawid too akyɛdeɛ no nyinaa din de maa Awurade a, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔnya firii aman bi a ɔdii wɔn so no nyinaa ka ho.

ASCB: 12ASCB

Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia, Amalek ne deɛ ɛfiri Sobahene Rehob babarima Hadadeser nkyɛn nso.

ASCB: 13ASCB

Yei maa Dawid gyee edin. Ɔsane nʼakyi kɔeɛ no, ɔkunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa mu.

ASCB: 14ASCB

Ɔde akodɔm bansifoɔ siisii Edom nyinaa ano. Na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ nhwɛsoɔ foforɔ a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii no baabiara a ɔkɔeɛ no.

ASCB: 15ASCB

Dawid dii Israel nyinaa so ɔhene, na ɔne obiara tenaa yie.

ASCB: 16ASCB

Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛmtwerɛni.

ASCB: 17ASCB

Sadok a na ɔyɛ Ahitub babarima ne Abiatar babarima Ahimelek na na wɔyɛ asɔfoɔ. Na Seraia yɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ.

ASCB: 18ASCB

Yehoiada babarima Benaia na na ɔdi Keretifoɔ ne Peletifoɔ so, ɛnna Dawid mmammarima tua asɔfodɔm ano.