Skip to main content

Scripture

Samuel Nwoma A Ɛtɔ So Mmienu 23

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Samuel Nwoma A Ɛtɔ So Mmienu 23 Bible text

ASCB: 1ASCB

Yei ne Dawid nsɛm a ɛtwaa toɔ:“Dawid, Yisai ba barima aOnyankopɔn maa no nkɔsoɔ a ɛyɛ nwanwa,na Yakob Onyankopɔn sraa no ngo no,ne nnwomsiaani papa bi nie:

ASCB: 2ASCB

“Awurade honhom kasa fa me mu;ne nsɛm wɔ me tɛkrɛma so.

ASCB: 3ASCB

Israel Onyankopɔn kasaeɛ,Israel botan ka kyerɛɛ me sɛ:‘Onipa a ɔdi ɔhene tenenee mu,na ɔde Nyamesuro di ɔhene no,

ASCB: 4ASCB

ɔte sɛ anɔpa hann,ɔte sɛ owiapue a ɛhyerɛn ɛberɛ a omununkum nni hɔ;ɔte sɛ osutɔ a ɛma ahodwoɔ,na ɛma ɛserɛ foforɔ pue firi asase mu.’

ASCB: 5ASCB

“Ɛyɛ me fie na Onyankopɔn ayi.Aane, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ hɔ daa.Ne nhyehyɛeɛ yɛ afebɔɔ, ebi nni hɔ bio, na wɔasɔ ano.Ɔbɛhwɛ me yiedie ne me nkɔsoɔ daa.

ASCB: 6ASCB

Na wɔn a wɔnnim Onyame no te sɛ nkasɛɛ a wɔbɛto aguo,ɛfiri sɛ, wɔwowɔ nsa a ɛsɔ mu.

ASCB: 7ASCB

Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu;wɔde ogya bɛhye wɔn dworobɛɛ.”

ASCB: 8ASCB

Edin a ɛdidi soɔ yi yɛ Dawid nnɔmmarima:Deɛ ɔdi ɛkan ne Yoseb-Basebet a ɔfiri Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofoɔ akɛseɛ Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ aha nwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu.

ASCB: 9ASCB

Deɛ ɔtɔ so mmienu wɔ Baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahohi aseni. Ɛberɛ bi Eleasa ne Dawid ka boom, te gyinaeɛ, de tiaa Filistifoɔ ɛberɛ a Israel akodɔm no nyinaa adwane.

ASCB: 10ASCB

Ɔkunkumm Filistifoɔ no ara kɔsii sɛ afei, na ɔntumi mpagya ne pea. Nanso, Awurade maa no dii nkonim saa da no. Akodɔm a aka no ansane amma, kɔsii ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔkɔtase wɔn asadeɛ no.

ASCB: 11ASCB

Deɛ ɔdi hɔ yɛ Sama a ɔyɛ Agee a ɔfiri Harar babarima. Ɛda koro bi, Filistifoɔ no boaa wɔn ho ano wɔ Lehi, na wɔto hyɛɛ Israelfoɔ no so asɛdua afuo bi mu. Israel akodɔm no dwaneeɛ,

ASCB: 12ASCB

nanso, Sama gyinaa ne nan so pintinn wɔ afuo no mfimfini, kaa Filistifoɔ no guiɛ. Enti, Awurade ma ɔdii nkonim.

ASCB: 13ASCB

Ɛberɛ bi, ɛduruu twaberɛ no a Dawid wɔ Adulam ɔbodan mu no, Filistia akodɔm bɛkyeree sraban wɔ Refaim bɔnhwa mu. Baasa no (a na wɔka Aduasa no ho no, wɔn a na wɔyɛ nimdefoɔ wɔ Dawid akofoɔ mu no) siane kɔhyiaa no wɔ hɔ.

ASCB: 14ASCB

Saa ɛberɛ no na Dawid te sraban mu hɔ a na Filistifoɔ akodɔm no fa bi nso akɔtena Betlehem.

ASCB: 15ASCB

Dawid daa nʼakɔnnɔ adi sɛ, “Ao, sɛ menya nsu pa a ɛwɔ Betlehem abura a ɛwɔ kuro no ɛpono no ano hɔ no bi a, mɛnom.”

ASCB: 16ASCB

Enti, Baasa no bu faa Filistifoɔ no mu kɔsaa nsuo no bi firii abura no mu, de brɛɛ Dawid. Nanso, wannom. Mmom, ɔhwie guu Awurade anim.

ASCB: 17ASCB

Ɔteaam sɛ, “Awurade ma ɛmpare me sɛ mɛnom yei! Saa nsuo yi som bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn nkwa too hɔ, kɔsaa nsuo yi brɛɛ me yi mogya.” Enti, Dawid annom. Aninsɛm a Baasa no yɛeɛ nhwɛsoɔ bi nie.

ASCB: 18ASCB

Na Yoab nua Seruia babarima Abisai nso dii Aduasa no anim. Ɛda bi, ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ ahasa wɔ ɔsa baako pɛ mu. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te sɛ Baasa no.

ASCB: 19ASCB

Abisai na ɔgyee edin pa ara wɔ Aduasa no mu. Ɛwom na ɔnka Baasa no ho deɛ, nanso na ɔno ne Aduasa no safohene.

ASCB: 20ASCB

Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔkofoɔ kokodurufoɔ a ɔfiri Kabseel. Ɔdii aninsɛm bebree a ebi ne sɛ, ɔkumm Moab akofoɔ akɛseɛ baanu. Ɛberɛ bi nso, ɔtaa gyata, ma wɔkɔtɔɔ amena mu. Na sukyerɛmma atɔ, ama fam ayɛ toro deɛ, nanso ɔkyeree gyata no, kumm no.

ASCB: 21ASCB

Ɛberɛ bi nso, na akontibaa na ɛkura no, nanso ɔde kumm Misraimni ɔkofoɔ kɛseɛ bi a na ɔno kura pea. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, na ɔde kumm no.

ASCB: 22ASCB

Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te sɛ Baasa no.

ASCB: 23ASCB

Na ɔwɔ animuonyam sene wɔn a na wɔfra Aduasa no mu, nanso na ɔnka Baasa no ho. Na Dawid yɛɛ no nʼawɛmfoɔ no so ɔsahene.

ASCB: 24ASCB

Wɔn a aka a wɔfra Aduasa no mu nie:Yoab nuabarima Asahel;Dodo a ɔfiri Betlehem babarima Elhanan;

ASCB: 25ASCB

Sama a ɔfiri Harod;Elika a ɔfiri Harod;

ASCB: 26ASCB

Heles a ɔfiri Palti;Ira, Ikes a ɔfiri Tekoa babarima;

ASCB: 27ASCB

Abieser a ɔfiri Anatot;Sibekai a ɔfiri Husa;

ASCB: 28ASCB

Salmon a ɔfiri Ahoa;Maharai a ɔfiri Netofa;

ASCB: 29ASCB

Heleb, Baana a ɔfiri Netofa babarima;Itai, Ribai a ɔfiri Gibea (Benyamin abusuakuo mu) babarima;

ASCB: 30ASCB

Benaia a ɔfiri Piraton;Hidai a ɔfiri Nahale-Gaas;

ASCB: 31ASCB

Arbatini Abi-Albon;Asmawet a ɔfiri Bahurim;

ASCB: 32ASCB

Eliahba a ɔfiri Saalbon;Yaasen mmammarima;

ASCB: 33ASCB

Yonatan, Sama a ɔfiri Harar babarima;Sarar, Ahiam a ɔfiri Maaka babarima;

ASCB: 34ASCB

Elifelet, Ahasbai a ɔfiri Maaka babarima;Eliam, Ahitofel a ɔfiri Gilo babarima;

ASCB: 35ASCB

Hesro a ɔfiri Karmel;Paarai a ɔfiri Arba;

ASCB: 36ASCB

Igal, Natan a ɔfiri Soba babarima;Bani a ɔfiri Gad;

ASCB: 37ASCB

Selek a ɔfiri Amon;Naharai a ɔfiri Beerot (Yoab akodeɛkurafoɔ);

ASCB: 38ASCB

Ira a ɔfiri Yitri;Gareb a ɔfiri Yitri;

ASCB: 39ASCB

Hetini Uria.Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduasa nson.