Scripture
Samuel Nwoma A Ɛtɔ So Mmienu 22
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Samuel Nwoma A Ɛtɔ So Mmienu 22 Bible text
Ɛberɛ a Awurade gyee Dawid firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ.
me Onyankopɔn yɛ me botan; ne mu na menya banbɔ.Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagyeɛ mu ahoɔden ne me banbɔeɛ,mʼabantenten, mʼagyenkwa, deɛ ɔgye me firi basabasayɛ mu.
“Na mʼamanehunu mu no, mesu mefrɛɛ Awurade.Aane, mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa.Ɔtee me nne firii ne kronkronbea.Me sufrɛ duruu nʼasom.
Awurade kasaeɛ,na ewiase nnyinasoɔ no nyinaa daa hɔ.Wɔtumi hunuu ɛpo ase,na asase fapem ho daa hɔ.
Ɔgyee me firii mʼatamfoɔ a wɔyɛ den nsam,atamfoɔ a wɔkyiri me na wɔn ho yɛ den pa ara ma me.
“Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ,wɔn a wɔdi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.
Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu;me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo.
“Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu.Ɔyɛ akokyɛmma wɔn a wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu.
“Womaa me nkonimdie wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so.Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifoɔ;na nnipa a mennim wɔn som me.
na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.Wode me si baabi a mʼatamfoɔ nnuru,wogye me firi atutupɛfoɔ a wɔtia me nsam.
“Wode nkonimdie akɛseɛ ama wo ɔhene;woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ deɛ woasra no ngo,wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefoɔ afebɔɔ.”