Scripture
Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 8
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 8 Bible text
Ehud mmammarima, mmusua ntuanofoɔ, a na wɔte Geba a wɔpamoo wɔn firii hɔ kɔɔ Manahat nie:
Naaman, Ahiya ne Gera. Gera a na ɔyɛ Usa ne Ahihud agya no na ɛberɛ a wɔretu no, ɔdii wɔn anim.
Beria ne Sema. Na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ a na wɔte Ayalon, na wɔpamoo ɔmanfoɔ a wɔte Gat no.
Yeinom ne agyanom mmusua ntuanofoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mu biara abusuadua nkrataa mu. Na wɔn nyinaa tenaa Yerusalem.
a na ne babarima piesie din de Abdon. Na Yeiel mmammarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab,
Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.
Asel woo mmammarima baasia a wɔne:Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na yeinom yɛ Asel mma.
Na Asel nuabarima Esek wɔ mmammarima baasa a wɔneUlam a ɔyɛ abakan, Yeus a ɔtɔ so mmienu ne Elifelet a ɔtɔ so mmiɛnsa.
Ulam mmammarima nyinaa yɛ akofoɔ a wɔakwadare wɔ akodie mu, na wɔyɛ agyantofoɔ toamfom. Na wɔwɔ mma ne mmanananom bebree a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔha aduonum.Yeinom nyinaa yɛ Benyamin asefoɔ.