Skip to main content

Scripture

Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 7

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 7 Bible text

ASCB: 1ASCB

Na Isakar mmammarima baanan no din deTola, Pua, Yasub ne Simron.

ASCB: 2ASCB

Tola mmammarima no ne:Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofoɔ. Ɔhene Dawid ɛberɛ so no, na mmarima dodoɔ a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne ahansia (22,600).

ASCB: 3ASCB

Na Usi babarima din de:Yisrahia.Na Yisrahia mmammarima din de:Mikael, Obadia, Yoɛl ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano.

ASCB: 4ASCB

Mmarima dodoɔ a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduasa nsia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmammarima yɛ bebree.

ASCB: 5ASCB

Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wɔfiri Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduɔwɔtwe nson (87,000). Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din nnidisoɔ nnidisoɔ guu wɔn abusuadua krataa mu.

ASCB: 6ASCB

Na Benyamin mmammarima baasa no din de:Bela, Beker ne Yediael.

ASCB: 7ASCB

Na Bela mmammarima yɛ:Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofoɔ baanum yi yɛ mmusua ntuanofoɔ. Nnipa a wɔfiri wɔn asefoɔ mu yɛɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne aduasa ɛnan (22,034). Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din guu wɔn abusuadua krataa mu.

ASCB: 8ASCB

Na Beker mmammarima din de:Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet.

ASCB: 9ASCB

Sɛdeɛ na wɔn abusuadua kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofoɔ akyi no, wɔn asefoɔ ɔpeduonu ne ahanu (20,200) wɔ hɔ a wɔtumi dɔm sraa.

ASCB: 10ASCB

Na Yediael babarima ne:Bilhan.Na Bilhan mmammarima ne:Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar.

ASCB: 11ASCB

Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofoɔ a wɔn asefoɔ a na wɔka wɔn ho a wɔtumi dɔm sraa no dodoɔ yɛ ɔpedunson ne ahanu (17,200).

ASCB: 12ASCB

Na Ir mmammarima ne Supim, ne Hupim. Aher na ɔwoo Husim.

ASCB: 13ASCB

Na Naftali mmammarima yɛ:Yahsiel, Guni, Yeser ne Salum. Na wɔn nyinaa yɛ Yakob yere Bilha asefoɔ.

ASCB: 14ASCB

Manase mmammarima a ɔne ne mpena Aramni wowoo wɔn ne Asriel ne Makir. Makir na ɔwoo Gilead.

ASCB: 15ASCB

Makir pɛɛ ɔyerenom maa Hupim ne Supim. Na wɔfrɛ Makir nuabaa Maaka. Na Makir asefoɔ no mu baako a wɔfrɛ no Selofehad wowoo mmammaa nko ara.

ASCB: 16ASCB

Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no edin Peres. Na ne nuabarima din de Seres. Peres mmammarima din de Ulam ne Rekem.

ASCB: 17ASCB

Na Ulam babarima din de:Bedan.Na wɔn nyinaa yɛ Gileadfoɔ a wɔyɛ Manase babarima Makir asefoɔ.

ASCB: 18ASCB

Makir nuabaa Moleket woo Is-Hod, Abieser ne Mahla.

ASCB: 19ASCB

Na Semida mmammarima yɛ:Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam.

ASCB: 20ASCB

Efraim asefoɔ ne:Sutela, Bered, Tahat, Elada,Tahat,

ASCB: 21ASCB

Sabad ne Sutela.Wɔkunkumm Efraim mmammarima Eser ne Elad wɔ Gat, ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔwia nyɛmmoa firi akuafoɔ a wɔbɛn hɔ no.

ASCB: 22ASCB

Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛree yie, na nʼabusuafoɔ bɛkyekyeree ne werɛ.

ASCB: 23ASCB

Ɛno akyi, Efraim kɔɔ ne yere ho, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima. Efraim too no edin Beria ɛsiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafoɔ faa mu no enti.

ASCB: 24ASCB

Efraim woo ɔbabaa too no edin Seer. Ɔno na ɔkyekyeree nkuro Bet-Horon Anafoɔ, Atifi ne Usen-Seera.

ASCB: 25ASCB

Efraim asefoɔ nnidisoɔ ne Refa, Resef, Tela, Tahan

ASCB: 26ASCB

Ladan, Amihud, Elisama,

ASCB: 27ASCB

Nun ne Yosua.

ASCB: 28ASCB

Efraim asefoɔ no tenaa asase Bet-El ne ne nkurotoɔ a atwa afa anafoɔ fam, Naaran a ɛda apueeɛ fam, Geser ne ne nkuraaseɛ a ɛda atɔeɛ fam ne Sekem ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kɔsi Aya a nkuraaseɛ ka ho no so.

ASCB: 29ASCB

Manase hyeɛ so no, na nkuro a ɛdeda hɔ yɛ Bet-Sean, Taanak, Megido, Dor ne wɔn nkuraase a atwa ho ahyia no. Israel ba Yosef asefoɔ tenaa saa nkuro yi so.

ASCB: 30ASCB

Na Aser mmammarima yɛ:Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sera.

ASCB: 31ASCB

Na Beria mmammarima din de:Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no.

ASCB: 32ASCB

Na Heber mmammarima din de Yaflet, Somer ne Hotam. Na wɔwɔ nuabaa a ne din de Sua.

ASCB: 33ASCB

Na Yaflet mmammarima din de:Pasak, Bimhal ne Aswat.

ASCB: 34ASCB

Na Semer mmammarima din de:Ahi, Rohga, Hubah ne Aram.

ASCB: 35ASCB

Na ne nuabarima Helem mmammarima din de:Sofa, Yimna, Seles ne Amal.

ASCB: 36ASCB

Na Sofa mmammarima din de:Suah, Harnefer, Sual, Beri, Yimra,

ASCB: 37ASCB

Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera.

ASCB: 38ASCB

Na Yeter mmammarima din de:Yefune, Pispa ne Ara.

ASCB: 39ASCB

Na Ula mmammarima din de:Arah, Haniel ne Risia.

ASCB: 40ASCB

Na Aser asefoɔ no mu biara yɛ wɔn agyanom abusua ɔdaanoni. Na wɔn nyinaa yɛ akofoɔ pa ne ntuanofoɔ a wɔdi mu. Na mmarima ɔpeduonu nsia (26,000) na wɔwɔ hɔ a wɔatwerɛ wɔn din agu wɔn mmusuadua nwoma mu a wɔyɛ akofoɔ a wɔagye edin.