Scripture
Odiyifo Sakaria Nhoma 9
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Sakaria Nhoma 9 Bible text
Nkɔmhyɛ: Awurade asɛm tia Hadrak asasena ɛbɛka Damaskoefisɛ, nnipa ne Israel mmusuakuw nyinaaani wɔ Awurade so.
Tiro asi abandennen ama ne ho;waboa dwetɛ ano te sɛ mfutuma,ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔte a ɛwɔ mmɔnten so.
Nanso Awurade begye nʼahode nyinaana wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ po so,na wɔde ogya bɛhyew no dwerɛbee.
Askelon behu na wasuroGasa de ɔyaw bebubu ne mu,na Ekron nso saa ara, efisɛ nʼanidaso bɛsa.Gasa bɛhwere ne henena wobegyaw Askelon ofituw.
Meyi mogya afi wɔn ano,akyiwade nnuan nso meyi afi wɔn ano.Nkae no bɛyɛ yɛn Nyankopɔn de;wɔbɛyɛ Yuda ntuanofo,na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifo.
Nanso mɛbɔ me Fi ho banwɔ wɔn a wɔtetɛw bɔ korɔn ho.Ɔhyɛsoni biara ntumi mfa me nkurɔfo so bio,efisɛ afei merewɛn.
Di ahurusi, Ɔbabea Sion!Teɛ mu, Ɔbabea Yerusalem!Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn.Ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye,odwo, na ɔte afurum so,afurum ba so na ɔte.
Megye nteaseɛnam afi Efraimne akofo apɔnkɔ afi Yerusalem,na akodi tadua no wobebubu mu.Ɔbɛpae mu aka asomdwoe nsɛm akyerɛ aman no.Nʼahenni befi po akɔka po;ebefi Asubɔnten no akɔpem nsase ano.
Monsan nkɔ mʼaban mu, nneduafo a mowɔ anidaso;mprempren mpo merebɔ mo nkae sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho.
Mɛkom Yuda sɛnea mikuntun me taduana mede Efraim bɛhyɛ mu.Mɛkanyan wo mmabarima, Sion,atia wo Hela mmabarima,na mɛyɛ wo sɛ ɔkofo afoa.
Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔ wɔn so;nʼagyan betwa yerɛw te sɛ anyinam.Otumfo Awurade bɛhyɛn torobɛnto no;ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔe fam ahum mu,
Asafo Awurade bɛkata wɔn so.Wɔde ahwimmo bɛsɛena wɔde adi nkonim.Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛnea wɔanom nsa;wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa awɔde pete afɔremuka ntwea so.
Awurade wɔn Nyankopɔn, begye wɔn saa da nosɛ oguanhwɛfo gye ne nguan.Wobetwa yerɛw yerɛw wɔ nʼasase so,sɛ abohemaa a ɛbobɔ ahenkyɛw ho.
Sɛnea wɔn ho betwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa!Aduan bɛma mmerante anyin ahoɔden sona nsa foforo bɛma mmabaa anyin saa ara.