Scripture
Odiyifo Sakaria Nhoma 10
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Sakaria Nhoma 10 Bible text
Mummisa Awurade hɔ nsu asusowbere mu;ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osu ne mu ahum.Ɔma osu tɔ ma nnipa nyinaa,ne nnɔbae nso ma obiara.
Ahoni no ka nnaadaasɛm,nkɔmhyɛfo nya anisoadehu a ɛyɛ atoro;wɔde nkontomposɛm kyerɛ dae ase,wɔma awerɛkyekye kwa.Enti nnipa no nenam te sɛ nguana wonni ɔhwɛfo na wɔhyɛ wɔn so.
“Me bo afuw nguanhwɛfo no yiye,na mɛtwe ntuanofo no aso.Na Asafo Awurade bɛhwɛne nguankuw a wɔyɛ Yudafi no,na wayɛ wɔn sɛ anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.
Tweatibo befi Yuda mu,na ntamadan pɛe befi ne mu,ɔsa mu tadua befi Yuda mu,na sodifo nyinaa nso saa ara.
Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ dɔmmarimaa wotiatia mmorɔn so dontori mu wɔ ɔko mu.Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no nti,wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefo no so.
“Mɛhyɛ Yudafi denna magye Yosefi no nkwa.Mede wɔn besi wɔn dedaw muefisɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho.Wɔbɛyɛ te sɛ neamempoo wɔn mpo,na mene Awurade wɔn Nyankopɔn,na megye wɔn so.
Efraimfo bɛyɛ sɛ dɔmmarima,wɔn ani begye te sɛ nea wɔanom nsa.Wɔn mma behu na wɔn ani begye;wobedi ahurusi wɔ wɔn koma mu wɔ Awurade mu.
Ɛwɔ mu, mɛhwete wɔn mu akɔ aman so,nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so.Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu,na wɔbɛsan aba.
Mede wɔn befi Misraim abamɛboa wɔn ano afi Asiria.Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon,na wɔrensen hɔ.
Wɔbɛfa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ po mu,nanso wobedi po asorɔkye a ehuru no so.Nil mu nsu nyinaa bɛyow.Asiria ahomaso nso wɔbɛbrɛ no asena Misraim ahempema betwa mu akɔ.