Skip to main content

Scripture

Yohane Adiyisɛm 19

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Yohane Adiyisɛm 19 Bible text

AKCB: 1AKCB

Eyi akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuw a wɔwɔ ɔsoro teɛ mu se,“Haleluya!Nkwagye ne anuonyam ne tumi wɔ yɛn Nyankopɔn,

AKCB: 2AKCB

efisɛ nʼatemmu yɛ nokware,na eye sɛ obuu oguamanfo kɛsea ɔde nʼaguamammɔ asɛe asase no atɛn.Onyankopɔn atwe nʼaso, efisɛ okum nʼasomfo.”

AKCB: 3AKCB

Na afei wɔteɛɛ mu bio se,“Haleluya!Wusiw befi kurow no mu akɔ ɔsoro daa daa.”

AKCB: 4AKCB

Mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahengua so no anim som no. Na wɔteɛɛ mu se,“Amen, Haleluya!”

AKCB: 5AKCB

Afei nne bi fi ahengua no so bae se,“Monkamfo yɛn Nyankopɔn,mo a moyɛ nʼasomfo nyinaa,mo a musuro no,akɛse ne nkumaa!”

AKCB: 6AKCB

Afei metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ asuworo ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛteɛ mu se,“Haleluya!Yɛn Tumfo Awurade Nyankopɔn di hene.

AKCB: 7AKCB

Momma yɛn ho nsɛpɛw yɛn na yɛn ani nnyena yɛnhyɛ no anuonyamefisɛ Oguamma no ayeforohyia adua nʼayeforokunu asiesie ne ho.

AKCB: 8AKCB

Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani tewmaa no sɛ ɔnhyɛ.”(Nwera no kyerɛ ahotefo trenee nneyɛe.)

AKCB: 9AKCB

Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Kyerɛw sɛ, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn wɔ Oguamma no ayeforohyia anwummere aponto ase.” Ɔka kaa ho se, “Eyi yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.”

AKCB: 10AKCB

Mibutuw ne nan ase pɛɛ sɛ mesom no. Nanso ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa, efisɛ meyɛ ɔsomfo te sɛ wo ne wo nuanom a wodi Yesu ho adanse no. Som Onyankopɔn efisɛ nokware a Yesu daa no adi no na ɛhyɛ adiyifo no nkuran.”

AKCB: 11AKCB

Afei mihuu sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no din de “Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafo.” Nokware na ogyina so bu atɛn na ɔko ne ko.

AKCB: 12AKCB

Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛredɛw na ɔhyɛ ahenkyɛw bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw agu ne ho, nanso na obiara nnim din no nkyerɛase ka ne ho.

AKCB: 13AKCB

Na ɔhyɛ atade bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne “Onyankopɔn Asɛm”

AKCB: 14AKCB

Ɔsoro asraafo a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani tew a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi.

AKCB: 15AKCB

Afoa a ano yɛ nnam yiye a ɔde bedi aman so no fii nʼanom bae. Dade pema na ɔde bedi wɔn so. Sɛnea wotiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamoa mu no so no, saa ara na obetiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Tumfo no abufuw.

AKCB: 16AKCB

Na wɔakyerɛw din agu nʼatade mu ne ne srɛ ho se,Ahene mu Hene ne Awuranom mu Awurade.

AKCB: 17AKCB

Afei, mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Ɔteɛɛ mu guu nnomaa a wɔnam wim nyinaa so se, “Mommra mmehyia mu wɔ Onyankopɔn aponto kɛse no ase.

AKCB: 18AKCB

Mummedi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfo nam ne apɔnkɔ ne wɔn sotefo nam ne adehye ne nkoa ne akɛse ne nketewa nyinaa nam.”

AKCB: 19AKCB

Afei mihuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn asraafo a wɔaboa wɔn ho ano rekɔko atia nea ɔte ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm.

AKCB: 20AKCB

Wɔkyeree aboa no ne nʼatoro adiyifo a ɔyɛɛ anwonwade maa no no. Saa anwonwade no so na ɔnam daadaa wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn agyirae ne wɔn a wɔsom aboa no honi no. Wɔtow aboa no ne atoro adiyifo no anikann guu ogya ɔtare a sufre na na ɛredɛw wɔ mu no mu.

AKCB: 21AKCB

Wɔde afoa a efi ɔpɔnkɔkafo no anom kunkum wɔn asraafo, na nnomaa no dii wɔn nam sɛnea wobetumi.