Skip to main content

Scripture

Yohane Adiyisɛm 18

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Yohane Adiyisɛm 18 Bible text

AKCB: 1AKCB

Eyi akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛse na nʼanuonyam hyerɛn wɔ asase so nyinaa.

AKCB: 2AKCB

Ɔteɛɛ mu denneennen se,“ ‘Wahwe ase! Babilonia Kokuroko ahwe ase!’Adan ahonhommɔne tenabeane ahonhom fi nyinaa ahintawee.Nnomaafi a wokyi wɔn nyinaa te ne mu.

AKCB: 3AKCB

Ɔde ne nsa a ɛyɛ nʼaguamammɔ aano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomee.Asase so ahene ne no bɔɔ aguaman,na asase so adwumayɛfo nam nʼahonya mmoroso so nyaa wɔn ho.”

AKCB: 4AKCB

Afei metee sɛ nne foforo bi a efi ɔsoro reka se,“Mumfi, me nkurɔfo,na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu,na mo ne no ankyɛ nʼasotwe!

AKCB: 5AKCB

Efisɛ wɔahyehyɛ ne bɔne sɛ soro tenten,na Onyankopɔn akae nʼawudi no.

AKCB: 6AKCB

Sɛnea ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ;nea ɔyɛɛ mo biara no, muntua ne so ka mprenu.Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no nea ano yɛ den mmɔho abien.

AKCB: 7AKCB

Momma nʼayayade ne nʼawerɛhow nnɔɔsosɛ anuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no.Efisɛ daa ɔka se,‘Mete ha sɛ ɔhemmea;menyɛ okunafo,na me werɛ renhow da!’

AKCB: 8AKCB

Eyi nti, nʼamanehunu a ɛyɛ ɔyare,awerɛhow ne ɔkɔm bɛba ne so da bi.Na wɔde ogya ahyew no,efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔkɛse.

AKCB: 9AKCB

“Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ aguaman, dii dɛ no hu hye a wɔrehyew no no wusiw a, wobesu atwa agyaadwo.

AKCB: 10AKCB

Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ nti, wobegyina akyiri asu se,“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn,Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi!Wʼatemmu aba dɔnhwerew baako pɛ mu.’

AKCB: 11AKCB

“Aguadifo a wɔwɔ asase so nso su no, efisɛ obiara ntɔ wɔn nneɛma bio.

AKCB: 12AKCB

Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, aboɔden abo ne nhene pa, nwera pa ne ɔtamkɔkɔɔ ne sirikyi ne tamkɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asonse adwinne nyinaa, adwinne a wɔde nnua a ne bo yɛ den ayɛ, asanka ne dade ne abohemaa,

AKCB: 13AKCB

ne pɛprɛ ne mmorɔngo, nnuhuam ne kurobow, huamfufu ne nsa ne ngo, asikresiam muhumuhu ne awi, nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.

AKCB: 14AKCB

“Aguadifo no bɛka se, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛe no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’

AKCB: 15AKCB

Aguadifo a wonyaa wɔn ho wɔ kurow no mu no begyina akyirikyiri efisɛ wosuro amane a ɔrehu no. Wobesu na wɔatwa agyaadwo,

AKCB: 16AKCB

na wɔaka se:“ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn aofura nwera pa ne tamkɔkɔɔna sika ne aboɔdenmmo a nhene pa bobɔ mu.

AKCB: 17AKCB

Dɔnhwerew pɛ, na saa ahonya dodow yi asɛe.’ “Hyɛn mu sahene ne hyɛn no mu nnipa, mu adwumayɛfo ne wɔn a wɔka ho a wonya wɔn anoduan fi hyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri.

AKCB: 18AKCB

Wosui wɔ bere a wohuu ogya a ɛrehyew no wusiw no, wɔteɛɛ mu kae se ‘Kuropɔn biara a ne kɛse te sɛɛ mmaa da.’ ”

AKCB: 19AKCB

Wɔbɛtow mfutuma agu wɔn atifi na wɔasu, atwa agyaadwo se,“ ‘Due! Due, wo kuropɔn,wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu nonam wʼahonya so yɛɛ adefo.Na dɔnhwerew baako pɛ mu, woahwere biribiara!’

AKCB: 20AKCB

“Momma mo ani nnye wɔ ne ho, mo ɔsorofo!Momma mo ani nnye,Onyankopɔn nnipa!Momma mo ani nnye, asomafo ne adiyifo!Efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn.”

AKCB: 21AKCB

Afei, ɔbɔfo hoɔdenfo bi faa ɔbo a ne kɛse bɛyɛ sɛ awiyammo tow kyenee po mu kae se,“Saa ahoɔden yi arana wɔde bɛtow Babilonia kuropɔn no akyene,a wɔrenhu no bio.

AKCB: 22AKCB

Wɔrente sankubɔfo ne nnwontofo, atɛntɛbɛnhyɛnfo ne torobɛntohyɛnfo nka wɔ mu bio.Wɔrenhu odwumfo biara wɔ wo mu bio.Na wɔrente owiyamfo biara nka wɔ wo mu bio.

AKCB: 23AKCB

Kanea hannrenhyerɛn wɔ wo mu bio.Wɔrente ayeforokunu ne ayeforonne wɔ wo mu bio.Wʼaguadifo yɛ wiase mu nnipa atitiriw.Na wɔde wo ntafowayi adaadaa aman nyinaa.

AKCB: 24AKCB

Ne mu na wohuu adiyifo ne ahotefone wɔn a wokum wɔn wɔ asase so no nyinaa mogya.”