Scripture
Nnwom 22
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 22 Bible text
Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?Adɛn nti na me nkwagye ne wo ntam aware,adɛn na mʼapinisi nsɛm ne wo ntam aware?
Wo na wuyii me fii awotwaa mu baena womaa me de me ho too wo sobere a mitua me na nufu ano mpo.
Monkamfo Awurade, mo a musuro no no!Mo a moyɛ Yakob asefo, monhyɛ no anuonyam!Mo Israel asefo nyinaa, munni no ni!
Ommuu nʼani nguuɔmanehunufo ateetee so ɛ,ɔmfaa nʼanim nhintaw no;na mmom watie ne sufrɛ a ɔde rehwehwɛ mmoa no.
Me botae a mede yi wo ayɛ wɔ bagua mu no fi wo;medi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wosuro wo no anim.
Asase so adefo nyinaa bedidi na wɔasɔre no;wɔn a wɔkɔ dɔte mu nyinaa bebu nkotodwe nʼanim,wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu.