Skip to main content

Scripture

Nnwom 21

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 21 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade, ɔhene di anigye wɔ wʼahoɔden mu.Nʼani gye mmoroso wɔ nkonimdi a woma no nti!

AKCB: 2AKCB

Woama no nea ne koma pɛ;woamfa nʼabisade ankame no.

AKCB: 3AKCB

Wode nhyira a edi mu hyiaa nona wode sikakɔkɔɔ ankasa ahenkyɛw hyɛɛ no.

AKCB: 4AKCB

Obisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no,nna tenten a enni awiei.

AKCB: 5AKCB

Nkonimdi a woma no nti, nʼanuonyam so;wode kɛseyɛ ne nidi adom no.

AKCB: 6AKCB

Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa dana woama no ahosɛpɛw wɔ wʼanim anigye mu.

AKCB: 7AKCB

Ɔhene no de ne ho to Awurade so;Ɔsorosoroni no nokware dɔ no nti,ɔrenhinhim.

AKCB: 8AKCB

Wo nsa bɛka wʼatamfo nyinaa;wo nsa nifa beso wɔn a wokyi wo no mu.

AKCB: 9AKCB

Bere a wubeyi wo ho adi nowobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a mu adɔ. Awurade fi nʼabufuwhyew mu bɛmene wɔn,na ne gya no ahyew wɔn.

AKCB: 10AKCB

Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so,na wɔn asefo afi adesamma mu.

AKCB: 11AKCB

Ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ pɔw tia wona wɔyɛ nhyehyɛe bɔne, nanso wɔrenni nkonim;

AKCB: 12AKCB

efisɛ wobɛma wɔasan wɔn akyibere a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so no.

AKCB: 13AKCB

Yɛma wo so, Awurade, wɔ wʼahoɔden mu;yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ.Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Adekyee forote” dwom.