Skip to main content

Scripture

Nnwom 127

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 127 Bible text

AKCB: 1AKCB

Sɛ Awurade ansi ɔdan no a,adansifo no yɛ ho adwuma kwa.Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a,awɛmfo no wɛn kwa.

AKCB: 2AKCB

Sɛ wosɔre anɔpahemana wotena kosi anadwo,na woyɛ adwumaden pɛ wʼano aduan a,ɛyɛ ɔkwa, efisɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔn wɔ wɔn nnae mu.

AKCB: 3AKCB

Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ,na mma yɛ akatua a efi no.

AKCB: 4AKCB

Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu note sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.

AKCB: 5AKCB

Nhyira ne onipa anʼagyan kotoku ayɛ ma.Nʼanim rengu asebere a wahyia nʼatamfo wɔ kurow pon ano no.