Skip to main content

Scripture

Nnwom 126

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 126 Bible text

AKCB: 1AKCB

Bere a Awurade de Sion fi nnommum san bae no,yɛyɛɛ sɛ wɔn a wɔsosoo adae.

AKCB: 2AKCB

Ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma,anigye nnwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.Na wɔkaa wɔ amanaman no mu se,“Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama wɔn.”

AKCB: 3AKCB

Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama yɛn,na anigye ahyɛ yɛn ma.

AKCB: 4AKCB

Awurade, san fa yɛn siade ma yɛn,te sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ Negeb no.

AKCB: 5AKCB

Wɔn a wodua no nusu mu node anigye nnwom betwa.

AKCB: 6AKCB

Wɔn a wɔde osu fi adiso aba a wɔrekodua no,de anigye nnwom bɛsan abaa wɔsoso nnɔbae afiafi.