Scripture
Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Filemon 1
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Filemon 1 Bible text
Saa nhoma yi fi Paulo a esiane Kristo Yesu nti ɔyɛ odeduani ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn,Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon
Sɛnea wo ne afoforo kura gyidi koro mu no, mebɔ mpae sɛ wɔn nso behu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa.
Bere bi a atwa mu no na ne so nni mfaso mma wo, nanso mprempren de, ne so wɔ mfaso ma me ne wo.
Esiane asɛmpa no nti, mepɛe sɛ ɔtena me nkyɛn bere a meda afiase yi, sɛnea ɛbɛyɛ a obesi wʼanan mu aboa me.
Nanso na mempɛ sɛ mefi wʼakyi ayɛ biribi, sɛnea ɛrenyɛ sɛ adɔe biara a wobɛyɛ no fi ɔhyɛ mu na mmom efi ɔpɛ pa mu nti.
Mprempren ɔnyɛ ɔsomfo kɛkɛ efisɛ ɔkyɛn ɔsomfo. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfo ne onua wɔ Awurade mu.
Enti sɛ wudwen me ho sɛ wo ne me bɔ mu di dwuma a, saa ara nso na gye no to mu sɛnea wubegye me no ara no.
Me Paulo, mʼankasa me nsa ano nkyerɛw ni. Metua wo ka, na mmom mma wo werɛ mfi sɛ wo nipadua no ankasa de me ka.
Enti me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade nti, yɛ me saa adɔe yi; ka me koma hyew sɛ wo nua wɔ Kristo mu.