Skip to main content

Scripture

Nhoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa Hebrifo 1

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nhoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa Hebrifo 1 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mmere a atwa mu no, na Onyankopɔn nam akwan ahorow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo no.

AKCB: 2AKCB

Mmom, mmere a edi akyiri no de, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de.

AKCB: 3AKCB

Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn anuonyam hyerɛn no so haran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fii wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro.

AKCB: 4AKCB

Ɛno nti ɔyɛɛ ɔkɛse sen abɔfo no, efisɛ din a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sen wɔn de no.

AKCB: 5AKCB

Efisɛ Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfo no mu biara se,“Woyɛ me Ba;nnɛ mayɛ wʼAgya.”Na wanka ankyerɛ ɔbɔfo biara se,“Mɛyɛ wʼAgya na woayɛ me Ba.”

AKCB: 6AKCB

Bere a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se,“Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no.”

AKCB: 7AKCB

Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne sɛ,“Onyankopɔn soma nʼabɔfo sɛ mframa,na ɔsoma nʼasomfo sɛ gyaframa.”

AKCB: 8AKCB

Nea ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae se,“Ao, Onyankopɔn, wʼahengua bɛtena hɔ daa nyinaa;wʼAhenni yɛ atɛntrenee.

AKCB: 9AKCB

Wodɔ trenee, na wukyi bɔne,ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no, de wo asi wo mfɛfo so,na ɔde anigye ngo asra wo.”

AKCB: 10AKCB

Onyankopɔn san kae se,“Mfiase no wotoo asase fapem,na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.

AKCB: 11AKCB

Ne nyinaa betwa mu; na wo de, wobɛtena hɔ daa;wɔbɛtetew sɛ atade.

AKCB: 12AKCB

Wɔbɛbobɔw no sɛ ntama;na wɔbɛsesa no sɛ ntade.Nanso wote sɛnea wote,na wo mfe to rentwa da.”

AKCB: 13AKCB

Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfo no se,“Montena me nifa sonkosi sɛ mede mo atamfo bɛyɛmo anan ase ntiaso.”

AKCB: 14AKCB

Sɛ saa a, na abɔfo no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no.