Skip to main content

Scripture

Odiyifo Mika Nhoma 2

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Mika Nhoma 2 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nnome nka wɔn a wɔfa amumɔyɛ ho adwene,wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn mpa so!Wɔsɔre anɔpa kodi dwuma no,efisɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.

AKCB: 2AKCB

Wɔn ani bere mfuw, na wogye.Na afi nso wɔfa.Wɔde nyansakorɔn gye nkurɔfo afi,na wɔn agyapade nso wogye.

AKCB: 3AKCB

Enti, sɛnea Awurade se ni,“Meredwene amanehunu a etia saa nkurɔfo yi hona worentumi nyi wo ho mfi mu.Worentumi nnantew ahantan so bio,efisɛ ɛbɛyɛ bere bɔne.

AKCB: 4AKCB

Saa da no, nnipa bɛserew mo.Wɔde saa awerɛhow dwom yibedi mo ho fɛw se:‘wɔasɛe yɛn koraa;wɔakyekyɛ me nkurɔfo ahode mu.Ogye fi me nsam!Na ɔde yɛn mfuw ma akɔnkɔnsafo.’ ”

AKCB: 5AKCB

Enti morennya obi wɔ Awurade asafo mua ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.

AKCB: 6AKCB

“Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfo no ka.“Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm;animguase rento yɛn.”

AKCB: 7AKCB

Mo Yakobfi, so wɔnka se,“Awurade Honhom nni boasetɔ ana?Ɔyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ ana?“Ne nsɛm nyɛ nea nʼakwan teɛno yiye ana?

AKCB: 8AKCB

Akyiri no me nkurɔfo asɔrete sɛ ɔtamfo.Moworɔw ntade pa fiwɔn a wɔretwa mu a ɛmfa mo ho,ma wɔyɛ te sɛ asraafo a wofi akono.

AKCB: 9AKCB

Mopam mmea a wɔwɔ me nkurɔfo mufi wɔn afi afɛɛfɛ mu.Mugye me nhyirafi wɔn mma nsam afebɔɔ.

AKCB: 10AKCB

Sɔre, fi ha kɔ!Ha nyɛ faako a wɔhome,efisɛ ho agu fi,Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yiye bio.

AKCB: 11AKCB

Sɛ ɔtorofo ne ɔdaadaafo ba bɛka se,‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsa bebree a’ɔbɛyɛ odiyifo a saa nkurɔfo yi pɛ.”

AKCB: 12AKCB

“Mɛboaboa mo nyinaa ano Yakob;nokware mɛka Israel nkae no nyinaa abɔ mu.Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nguan a wogu nguannan mu,te sɛ nguankuw a wɔwɔ adidibea;nnipa bɛhyɛ beae hɔ manyamanya.

AKCB: 13AKCB

Nea obue ɔkwan no bedi wɔn anim;wobebu apon no na wɔafi akɔ.Wɔn Hene no bɛsen adi wɔn anim, Awurade bɛyɛ wɔn ti.”