Skip to main content

Scripture

Odiyifo Mika Nhoma 1

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Mika Nhoma 1 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika bere a na Yotam, Ahas ne Hesekia di ade wɔ Yuda no. Anisoade a ohu faa Samaria ne Yerusalem ho.

AKCB: 2AKCB

Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,muntie, asase ne mo a mote so nyinaa.Otumfo Awurade redi adanse atia mo,ɔkasa fi nʼasɔredan kronkron no mu.

AKCB: 3AKCB

Monhwɛ! Awurade fi nʼatenae reba;ɔresian na ɔnam asase sorɔnsorɔmmea so.

AKCB: 4AKCB

Mmepɔw nan wɔ nʼase,aku mu paapaete sɛ ama a aka ogya,te sɛ nsu a ɛresian waa fi koko so.

AKCB: 5AKCB

Eyi nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,ne bɔne ahorow a ɛwɔ Israel fi nti.Yakob nnebɔne ne dɛn?Ɛnyɛ Samaria ana?Na he ne Yuda sorɔnsorɔmmea?Ɛnyɛ Yerusalem ana?

AKCB: 6AKCB

“Enti mɛyɛ Samaria kurow no nnwiriwii siw,baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.Mehwie nʼabo agu obon muama ne fapem ho ada hɔ.

AKCB: 7AKCB

Wobebubu nʼahoni nyinaa mu asinasin;wɔde ogya bɛhyew nʼasɔredan mu ayɛyɛde nyinaa.Mɛsɛe ne nsɛsode nyinaa.Esiane sɛ nʼakyɛde a waboa ano no nyinaa,onya fii nguamanfo akatua mu no ntiwɔde bɛma nguamanfo.”

AKCB: 8AKCB

Eyinom nti mesu atwa agyaadwo;mede adagyaw bɛnantew na merenhyɛ mpaboa.Mɛworo so sɛ odompona masu sɛ patu.

AKCB: 9AKCB

Nʼapirakuru no wu ayɛ den;abedu Yuda.Abedu me nkurɔfo pon anompo adu Yerusalem ankasa.

AKCB: 10AKCB

Monnka no wɔ Gatmunnsu koraaMo a mowɔ Bet-Leafra de,monyantam mfutuma mu.

AKCB: 11AKCB

Monsen nkɔ adagyaw ne aniwu mu,mo a mote Safir.Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue.Bet-Esel wɔ awerɛhow mu;efisɛ, wo hɔ na onya ne bammɔ.

AKCB: 12AKCB

Wɔn a wɔte Marot de ɔyaw nunununu wɔn mude twɛn mmoa,efisɛ amanehunu a efi Awurade hɔ abaabedu Yerusalem pon ano.

AKCB: 13AKCB

Mo a mote Lakis,munsiesie nteaseɛnam no.Mone bɔne farebaema Ɔbabea Sion,na mudii Israel anim kɔɔ bɔne mu.

AKCB: 14AKCB

Enti mode ntetewmu akyɛde bɛma Moreset-Gat,Aksib kurow bɛdaadaa Israel ahemfo.

AKCB: 15AKCB

Mede nkonimdifo bɛtoa mo;mo a mote Maresa.Nea ɔyɛ Israel onuonyamfo nobɛba Adulam.

AKCB: 16AKCB

Munyi mo tinwi mfa nni awerɛhow,wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;mommɔ tikwaw te sɛ opete,efisɛ, wɔbɛfa wɔn afi mo nkyɛnakɔ nnommum mu.