Skip to main content

Scripture

Mateo Asɛmpa No 27

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mateo Asɛmpa No 27 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ade kyee no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kɔɔ agyina, hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama wɔakum Yesu.

AKCB: 2AKCB

Afei wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yesu, de no baa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim.

AKCB: 3AKCB

Saa bere no ara mu na Yuda a oyii Yesu mae no huu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, onuu ne ho yiye. Enti ɔsan de sika a ogye fii asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kae se,

AKCB: 4AKCB

“Mayɛ bɔne, efisɛ mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara no ama.”Wɔn nso kae se, “Ɛmfa yɛn ho. Ɛyɛ wo ara wʼasɛm.”

AKCB: 5AKCB

Ɔtow sika no guu asɔredan no mu, fii hɔ kɔsɛn ne ho.

AKCB: 6AKCB

Asɔfo mpanyin no sesaw sika no kae se, “Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn tow a yɛagye mu. Efisɛ yɛn mmara mma ho kwan sɛ yebegye sika a wɔde abɔ awudi ho paa.”

AKCB: 7AKCB

Wodwinnwen ho sii gyinae se, wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wotu dɔte wɔ mu de nwen nkuku, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusiei ama ahɔho a wobewu wɔ Yerusalem no.

AKCB: 8AKCB

Enti na wɔda so frɛ saa asase no se, “Mogya Asase” de besi nnɛ yi.

AKCB: 9AKCB

Eyi maa nea Odiyifo Yeremia kae se, “Wogyee dwetɛ mpɔw aduasa, bo a Israelfo sese huu sɛ ɛfata,

AKCB: 10AKCB

na wofii mu tɔɔ asase fii anwemfo nkyɛn, sɛnea Awurade hyɛɛ me” no baa mu.

AKCB: 11AKCB

Afei wɔde Yesu begyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Obisaa Yesu se, “Wone Yudafo Hene no ana?”Yesu buae se, “Wo na woaka.”

AKCB: 12AKCB

Nanso bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin reka nsɛm gu Yesu so no, wankasa.

AKCB: 13AKCB

Pilato bisaa no se, “Wonte nea wɔreka no ana?”

AKCB: 14AKCB

Nanso Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ amrado no nwonwa.

AKCB: 15AKCB

Na ɛyɛ amrado no amanne sɛ afe biara Twam Afahyɛ mu no, ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no.

AKCB: 16AKCB

Saa afe no mu, na onipa bɔnefo bi a wɔfrɛ no Baraba nso da afiase.

AKCB: 17AKCB

Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfi anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn se, “Hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu, mo Agyenkwa no?”

AKCB: 18AKCB

Na onim pefee sɛ Yudafo mpanyin no de ɔtan na akyere Yesu efisɛ na wagye din.

AKCB: 19AKCB

Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no se, “Gyaa onipa trenee no na ɔnkɔ ne baabi efisɛ anadwo yi, mesoo ne ho dae a ɛyɛ hu yiye maa me ho yeraw me.”

AKCB: 20AKCB

Nanso asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kasa kyerɛɛ dɔm no se, wommisa na wonnyaa Baraba mma wɔn na wonkum Yesu.

AKCB: 21AKCB

Enti amrado no san bisaa wɔn se, “Nnipa baanu yi mu hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo?”Na dɔm no bɔ gyee so se, “Baraba!”

AKCB: 22AKCB

Pilato bisaa wɔn bio se, “Sɛ saa de a, ɛno de, dɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?”Wɔn nyinaa bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennua mu!”

AKCB: 23AKCB

Pilato bisaa wɔn se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?”Nanso wɔkɔɔ so bɔ gyee so ara se, “Bɔ no asennua mu!”

AKCB: 24AKCB

Pilato huu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ ye na basabasayɛ reba no, ɔma wɔsaw nsu guu ade mu brɛɛ no ma ɔhohoroo ne nsa wɔ dɔm no anim kae se, “Minni saa onipa trenee yi mogya ho fɔ. Nea ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!”

AKCB: 25AKCB

Nnipadɔm no san bɔ gyee so bio se, “Ne mogya mmegu yɛn ne yɛn mma ti so.”

AKCB: 26AKCB

Afei Pilato yii Baraba fii afiase hɔ de no maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɔde no maa Roma asraafo no sɛ wɔmfa no nkɔbɔ no asennua mu.

AKCB: 27AKCB

Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔfrɛɛ asraafo dɔm baa hɔ.

AKCB: 28AKCB

Woyii Yesu atade a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no,

AKCB: 29AKCB

na wɔde nsɔe atenten nwenee kyɛw hyɛɛ no, na wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempema, na wobubuu nkotodwe wɔ nʼanim fii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo Hene, wo nkwa so.”

AKCB: 30AKCB

Wɔtetee ntasu guu ne so na wogyee dua no fii ne nsam de paa nʼapampam ntoatoaso.

AKCB: 31AKCB

Wodii ne ho fɛw wiei no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de nʼankasa atade no san hyɛɛ no. Afei wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asennua mu.

AKCB: 32AKCB

Bere a wɔde no rekɔ faako a wɔbɔ asennua mu hɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɛwɔ Abibirim. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no bi.

AKCB: 33AKCB

Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota a ne nkyerɛase ne “Nitiri So.”

AKCB: 34AKCB

Ɛhɔ na asraafo no maa no nsa nwenweenwen bi sɛ ɔnnom. Yesu kaa nʼano no, wannom.

AKCB: 35AKCB

Afei wɔbɔɔ no asennua mu no, wɔbɔɔ nʼatade no so ntonto kyekyɛ fae.

AKCB: 36AKCB

Wɔn nyinaa tenatenaa ase wɛn no.

AKCB: 37AKCB

Wɔkyerɛw nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi se,“YESU, YUDAFO HENE NO NI.”

AKCB: 38AKCB

Wɔbɔɔ awudifo baanu bi asennua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so na ɔbaako nso dɛn ne benkum so.

AKCB: 39AKCB

Nnipa a wotwaa mu wɔ hɔ no nyinaa wosow wɔn ti, yeyaw no

AKCB: 40AKCB

se, “Wo na wuse sɛ wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no, gye wo ho! Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛno de sian fi asennua no so si fam ma yɛnhwɛ!”

AKCB: 41AKCB

Saa ara nso na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bedii ne ho fɛw se,

AKCB: 42AKCB

“Ogye afoforo, nanso ontumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfo hene no ampa ara a, sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni.

AKCB: 43AKCB

Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei ma Onyankopɔn nnye no! Waka nso se, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba.’ ”

AKCB: 44AKCB

Awudifo bi a wɔbɔɔ wɔne no asennua mu no nso yeyaw no saa ara.

AKCB: 45AKCB

Bere a wɔbɔɔ Yesu asennua mu no, sum duruu asase so mmaa nyinaa fi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa.

AKCB: 46AKCB

Ɛbɛyɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, Yesu teɛɛ mu dennen se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase kyerɛ sɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”

AKCB: 47AKCB

Wɔn a wogyina hɔ no bi tee no wɔkae se, “Ɔrefrɛ Elia.”

AKCB: 48AKCB

Mpofirim, wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenweenwen bi mu de tuaa dua bi so de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom.

AKCB: 49AKCB

Nanso nnipa no nkae no kae se, “Gyaa no na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abegye no ana.”

AKCB: 50AKCB

Na Yesu teɛɛ mu dennen bio no, ogyaa ne honhom mu wui.

AKCB: 51AKCB

Ɛhɔ ara, ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam. Asase wosowee. Abotan paapaee.

AKCB: 52AKCB

Nna so buebue maa atreneefo a wɔawuwu nyannyanee.

AKCB: 53AKCB

Yesu wusɔre akyi no, wopuepue fii wɔn nna mu kɔɔ Yerusalem, koyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.

AKCB: 54AKCB

Asraafo a wɔwɔ hɔ no huu asase wosow ne nsɛm a esisii wɔ hɔ no, wɔn koma tuu yiye ma wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”

AKCB: 55AKCB

Saa bere no na mmea bebree a Yesu ho dɔ nti, wodii nʼakyi fii Galilea no gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so.

AKCB: 56AKCB

Mmea no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef na. Na Sebedeo mmabarima no na nso ka ho.

AKCB: 57AKCB

Eduu anwummere no, osikani bi a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani no,

AKCB: 58AKCB

kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛ ma wɔde Yesu amu no maa no.

AKCB: 59AKCB

Yosef faa amu no de nwera kyekyeree ho,

AKCB: 60AKCB

na ɔde no kɔtoo ɔno ankasa ne boda foforo bi a watwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano, ansa na ɔregyaw hɔ akɔ.

AKCB: 61AKCB

Maria Magdalene ne Maria baako no de, na wɔte nkyɛn baabi rewɛn ɔboda no.

AKCB: 62AKCB

Ade kyee a ɛyɛ da a edi Twam Afahyɛ no ahosiesie akyi no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no kɔɔ Pilato nkyɛn,

AKCB: 63AKCB

kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, ɔtorofo no kaa bere bi se, ‘Nnansa akyi no mɛsɔre.’

AKCB: 64AKCB

Eyi nti ma yɛn kwan na yɛnkɔwɛn da no ano nkosi nnansa, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼasuafo no ntwa wɔn ho nkowia amu no mmɔ no dawuru se wasɔre afi awufo mu. Na sɛ ɛkɔba saa de a anka akyiri no nnaadaa bɛsen kan de no.”

AKCB: 65AKCB

Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa awɛmfo. Momma wɔnkɔwɛn.”

AKCB: 66AKCB

Enti wɔkɔtetaree ɔboda no ano, maa awɛmfo kɔwɛn hɔ.