Scripture
Mateo Asɛmpa No 26
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mateo Asɛmpa No 26 Bible text
“Sɛnea munim no aka nnaanu na Twam Afahyɛ no adu, na wobeyi Onipa Ba no ama, na wɔabɔ no asennua mu.”
Nanso wɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”
Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbea bi a okura ngo huamhuam bi a ne bo yɛ den yiye toa ma baa hɔ, behwie guu Yesu tirim.
kobisaa wɔn se, “Sɛ miyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?” Wɔmaa no dwetɛ mpɔw aduasa.
Apiti Afahyɛ da a edi kan no, asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yekodi Twam Afahyɛ no?”
Obuaa wɔn se, “Monkɔ kurow no mu nkohu ɔpanyin asiamasi nka nkyerɛ no se, ‘Kyerɛkyerɛfo no se, Me bere abɛn, na wo fi na me ne nʼasuafo no bedi Twam Afahyɛ no.’ ”
Asɛm yi maa wɔn werɛ howee yiye, na wofii ase bisabisaa mmaako mmaako se, “Awurade, ɛyɛ me ana?”
Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho de, nanso onipa a obeyi no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye.”
Yuda a obeyi no ama nso bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛyɛ me ana?”Yesu buaa no se, “Woaka.”
Bere a wɔredidi no. Yesu faa brodo, na ohyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafo no kae se: “Munnye nni, eyi ne me nipadua.”
na eyi ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den, a wohwie gu ma nnipa bebree nya bɔnefakyɛ.
Mise mo sɛ, merennom saa nsa yi bi bio da, de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ mʼAgya Ahenni no mu.”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Anadwo yi, mo nyinaa beguan agya me. Na wɔakyerɛw se, “ ‘wɔbɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguankuw no abɔ apete.’
Petro pae mu kae se, “Mpo sɛ etwa sɛ me ne wo wu a, merempa wo da!” Asuafo no nyinaa nso kaa saa asɛm koro yi ara.
Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Montena ha na merekɔ hɔ akɔbɔ mpae.”
Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fii ase howee, na ne ho nso yeraw no.
Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kobutuw fam bɔɔ mpae se, “MʼAgya, sɛ ebetumi a, ma wonyi kuruwa yi mfi me so. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ na ɛnyɛ nea mepɛ.”
Na ɔsan baa asuafo baasa no nkyɛn behuu sɛ wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no se, “Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwerew baako pɛ mpo?
Ɔsan gyaw wɔn hɔ nea ɛto so abien kɔbɔɔ mpae se, “MʼAgya, sɛ wɔrenyi kuruwa yi mfi me so, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom a, nea wopɛ nyɛ.”
Ɔsan baa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, monna na monhome. Nanso dɔn no adu. Wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa!
Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako ne dɔm a Yudafo mpanyin asoma wɔn a wokurakura afoa ne nkontimmaa baa hɔ.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Damfo, nea wobaa ha se worebɛyɛ no, yɛ no ntɛm.”Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Fa wʼafoa no to nea ɛda. Na wɔn a wɔtwe afoa no, afoa ano na wobewu.
Munnim sɛ metumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfo mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban?
Nanso sɛ meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na nea Kyerɛwsɛm no ka se ɛsɛ sɛ esi wɔ eyi ho no bɛba mu?”
Bere no mu ara na Yesu bisaa dɔm a wɔbaa ne so no se, “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so sɛ mode rebɛkyere me yi? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu da biara, nso moansiw me kwan.
Nanso eyi nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a nea adiyifo no kae wɔ Kyerɛwsɛm mu no bɛba mu.” Saa bere no ara mu na asuafo no nyinaa guan gyaa no.
Afei dɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa anim, baabi a mmarakyerɛfo ne Yudafo mpanyin nyinaa ahyia hɔ.
Petro tew ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanyin no fi hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfo a wɔwɔ hɔ no mu se ɔrehwɛ asɛm a ebesi.
Asɔfo mpanyin ne Yudafo asennifo akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wobenya nnansefo bi a wobedi adansekurum ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ.
Nnipa bebree bedii adanse, nanso wohuu sɛ wɔredi adansekurumu, efisɛ na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira.Akyiri no, nnipa baanu bi ba bɛkae
Nanso Yesu ammua no.Ɔsɔfopanyin no ka kyerɛɛ no se, “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!”
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yiw, woaka. Na mereka kyerɛ mo nyinaa: Efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ mete Onyankopɔn nifa na ɔnam omununkum mu resan aba.”
Ɔsɔfopanyin no sunsuan nʼatade mu teɛɛ mu se, “Abususɛm! Nnansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no!
Saa bere no na Petro te adiwo. Abaawa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mufi Galilea.”
Akyiri no, abaawa foforo bi hyiaa no wɔ ɔpon bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina hɔ no se, “Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasareni no na ɛnam.”
Ɛkyɛe kakra no, mmarima a wogyina hɔ no bi bɛka kyerɛɛ Petro se, “Yenim sɛ woyɛ nʼasuafo no mu baako, na wo kasa nso da wo adi sɛ woyɛ Galileani.”
Petro fii ase dii nsew, kekaa ntam se, “Minnim onipa no!”Amono mu hɔ ara na akokɔ bɔnee.
Ɛhɔ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no. Na ofii adi kosui.