Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Mmiɛnsa (Lewitikɔs) 19

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Mmiɛnsa (Lewitikɔs) 19 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose se,

AKCB: 2AKCB

“Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Monyɛ kronkron, efisɛ me Awurade a meyɛ mo Nyankopɔn no, meyɛ kronkron.

AKCB: 3AKCB

“ ‘Ɛsɛ sɛ mode nidi ma mo nanom ne mo agyanom na mudi me homeda mmara no so, efisɛ meyɛ Awurade mo Nyankopɔn.

AKCB: 4AKCB

“ ‘Monnsom ohoni, anaa monnyɛ nnade anyame bi mma mo ho. Mene Awurade mo Nyankopɔn.

AKCB: 5AKCB

“ ‘Sɛ mobɔ asomdwoe afɔre ma Awurade a momfa ɔkwan pa so mmɔ na asɔ Awurade ani.

AKCB: 6AKCB

Da a mobɛbɔ saa afɔre no, munni no da no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ sɛ mudi no adekyee. Monhyew nea ebedi nnansa no.

AKCB: 7AKCB

Na nea mubedi no nnansa so no yɛ akyiwade ma me, enti mɛpo.

AKCB: 8AKCB

Sɛ mudi no nnansa so a, mudi ho fɔ na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wobetwa mo asu afi Awurade nkurɔfo mu.

AKCB: 9AKCB

“ ‘Sɛ mutwa mo nnɔbae a, munntwa nnɔbae a ɛwɔ mo mfuw nhanoa no. Sɛ moretwa a, aba a ebegu fam no nso, monntase.

AKCB: 10AKCB

Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ motew ne nyinaa. Na nea ɛbɛtew agu ase no nso, monntase. Munnyaw mma ahiafo ne akwantufo a wɔbɛfa hɔ no na mene Awurade mo Nyankopɔn.

AKCB: 11AKCB

“ ‘Mommmɔ korɔn.“ ‘Munntwa atoro.“ ‘Na munnsisi obiara.

AKCB: 12AKCB

“ ‘Monnka ntamhunu mfa ngu mo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade.

AKCB: 13AKCB

“ ‘Nwia wo yɔnko na munnsisi obi.“ ‘Na mo apaafo nso, muntua wɔn ka ntɛm. Na sɛ ɛka bi bɛtɔ mo ne wɔn ntam a, mommma ade nkye so.

AKCB: 14AKCB

“ ‘Monnnome ɔsotifo na munntwintwan onifuraefo akwan mu. Munsuro mo Nyankopɔn; Mene Awurade.

AKCB: 15AKCB

“ ‘Ɛsɛ sɛ bere biara atemmufo bu atɛntrenee a wɔnhwɛ sɛ nea worebu no atɛn no yɛ ohiani anaa ɔdefo. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmu yɛ pɛpɛɛpɛ.

AKCB: 16AKCB

“ ‘Munnni nseku.“ ‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene Awurade.

AKCB: 17AKCB

“ ‘Ntan wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefo mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wudi ho fɔ saa ara.

AKCB: 18AKCB

“ ‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔw; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene Awurade.

AKCB: 19AKCB

“ ‘Munni me mmara so.“ ‘Mma wo nantwi mforo aboa foforo bi.“ ‘Nnua afifide a egu ahorow abien wɔ wʼafuw mu.“ ‘Nhyɛ atade a wɔde atam ahorow abien na anwen.

AKCB: 20AKCB

“ ‘Sɛ obi ne afenaa bi a obi asi no asiwa da a, ɛsɛ sɛ wodi wɔn asɛm wɔ asennii nanso ɛnsɛ sɛ wokum wɔn, efisɛ afenaa no nne ho.

AKCB: 21AKCB

Ɔbarima no na ɔde nʼafɔdi afɔrebɔde bɛbrɛ Awurade wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ odwennini.

AKCB: 22AKCB

Ɔsɔfo no de odwennini no bɛyɛ mpata ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛe no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no.

AKCB: 23AKCB

“ ‘Sɛ mokɔ asase bi so kodua nnuaba ahorow pii a, nnɔbaetwa abiɛsa a edi kan no, munnni, efisɛ wobu no sɛ ɛho agu fi.

AKCB: 24AKCB

Na ne mfe anan so no, momfa aba no nyinaa mma Awurade mfa nkamfo no.

AKCB: 25AKCB

Na ne mfe anum so no, aba no yɛ mo dea. Eyi bɛma mo nnɔbae so ato. Mene Awurade mo Nyankopɔn.

AKCB: 26AKCB

“ ‘Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya no nam.“ ‘Mommfa mo ho nkɔ asumansɛm anaa abayisɛm mu.

AKCB: 27AKCB

“ ‘Ɛnsɛ sɛ mutwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so.

AKCB: 28AKCB

“ ‘Munntwitwa mo honam mma awufo anaa monnyɛ agyiraehyɛde ahorow wɔ mo ho. Mene Awurade.

AKCB: 29AKCB

“ ‘Mma wo babea nkɔbɔ aguaman mfa ngu ne ho fi na asase no annan abɔnefo ne nguamanfo asase.

AKCB: 30AKCB

“ ‘Munni me homeda mmara no so na munni me kronkronbea no ni, efisɛ mene Awurade.

AKCB: 31AKCB

“ ‘Monnkɔ asuman anaa ahonhom nkyɛn abisa mmfa ngu mo ho fi, na mene Awurade mo Nyankopɔn.

AKCB: 32AKCB

“ ‘Momfa obu ne nidi mma mpanyimfo wɔ Onyamesuro mu. Mene Awurade.

AKCB: 33AKCB

“ ‘Sɛ ɔhɔho bɛtena mo mu a munnsisi no.

AKCB: 34AKCB

Mummu wɔn sɛnea mubu onipa biara. Monnodɔ wɔn sɛ mo ho na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔho wɔ Misraim asase so. Mene Awurade mo Nyankopɔn.

AKCB: 35AKCB

“ ‘Mommfa atoro nsusuwde nsusuw, nkari anaa nkan mo biribiara.

AKCB: 36AKCB

Momfa nokware nsania, nkaribo ne asusuwde a eye. Mene Awurade mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim bae no.

AKCB: 37AKCB

“ ‘Munni me mmaransɛm ne mʼahyɛde no nyinaa so, na mene Awurade.’ ”