Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Mmiɛnsa (Lewitikɔs) 18

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Ɛtɔ So Mmiɛnsa (Lewitikɔs) 18 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se,

AKCB: 2AKCB

‘Mene Awurade mo Nyankopɔn,

AKCB: 3AKCB

enti mommmɔ mo bra sɛ abosonsomfo. Monnyɛ sɛ nnipa a na mo ne wɔn te wɔ Misraim anaa Kanaan wɔ faako a mede mo rekɔ no. Munnsuasua wɔn.

AKCB: 4AKCB

Me mmara ne mʼahyɛde ara so na ɛsɛ sɛ mudi; na ɛsɛ sɛ mudi so pɛpɛɛpɛ, efisɛ mene Awurade mo Nyankopɔn.

AKCB: 5AKCB

Sɛ mudi so a, mubenya nkwa. Mene Awurade.

AKCB: 6AKCB

“ ‘Mo mu biara nni ho kwan sɛ ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene Awurade.

AKCB: 7AKCB

“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbabea ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne na.

AKCB: 8AKCB

“ ‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wʼagya yerenom mu bi da; ebebu wʼagya animtiaa.

AKCB: 9AKCB

“ ‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo nuabea anaa wʼagya babea anaa wo na babea da, sɛ wɔwoo no ofi no mu anaa ofi foforo mu.

AKCB: 10AKCB

“ ‘Ɛnsɛ sɛ moware mo nenabea, sɛ ɔyɛ mo babarima babea anaa mo babea babea, efisɛ ebebu mo animtiaa.

AKCB: 11AKCB

“ ‘Ɛnsɛ sɛ woware wo nuabea a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babea.

AKCB: 12AKCB

“ ‘Anaa wo sewaa—wo agya nuabea, efisɛ ɔyɛ wʼagya busuani pɛɛ.

AKCB: 13AKCB

“ ‘Saa ara na ɛnsɛ sɛ woware wo na a ɔyɛ wo na nuabea, efisɛ, ɔyɛ wo na busuani pɛɛ.

AKCB: 14AKCB

“ ‘Wʼagya nuabarima yere nso, wunni ho kwan sɛ woware no.

AKCB: 15AKCB

“ ‘Wunni ho kwan sɛ woware wo babarima yere, efisɛ ɔyɛ wʼase.

AKCB: 16AKCB

“ ‘Saa ara nso na wuntumi nnware wo nuabarima yere, efisɛ ɔyɛ wo nuabarima dea.

AKCB: 17AKCB

“ ‘Worentumi nware ɔbea bi nsan nware ne babea anaa ne nenabea nka ho, efisɛ wɔn nyinaa yɛ abusuafo pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso.

AKCB: 18AKCB

“ ‘Ɛnsɛ sɛ woware nuabeanom baanu sɛ akorafo, bere a wo yere te ase.

AKCB: 19AKCB

“ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa ɔbea a ɔwɔ afikyirikɔ mu.

AKCB: 20AKCB

“ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa wo yɔnko yere de gu mo ho fi.

AKCB: 21AKCB

“ ‘Mfa wo mma mu biara mma Molek mma ɔmmfa no mmɔ afɔre wɔ nʼafɔremuka so. Ngu wo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade.

AKCB: 22AKCB

“ ‘Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da yɛ akyiwade kɛse na ɛyɛ bɔne a ɛso nso.

AKCB: 23AKCB

“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbea de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwade kɛse.

AKCB: 24AKCB

“ ‘Munngu mo ho fi wɔ saa akwan ahorow yi biara so na eyinom ne nea abosonsomfo yɛ. Esiane sɛ wɔyɛ saa nti, merebeyi wɔn afi asase a morekɔ so no so.

AKCB: 25AKCB

Saa ahohwibra no agu ɔman mu no nyinaa ho fi; ɛno nti na meretwe nnipa a wɔte hɔ no aso na mayi wɔn afi asase no so.

AKCB: 26AKCB

Ɛsɛ sɛ mudi me mmara ne mʼahyɛde no nyinaa so pɛpɛɛpɛ na ɛnsɛ sɛ moyɛ saa akyiwade yi mu bi koraa. Saa mmara yi ka mo a wɔwoo mo Israelman mu ne ahɔho a wɔne mo te nyinaa bi.

AKCB: 27AKCB

Ampa ara, efisɛ daa nnipa a wɔte saa asase a mede mo rekɔ so no so yɛ saa akyiwade yi nti, asase no ho agu fi.

AKCB: 28AKCB

Monnyɛ saa ade no bi, anyɛ saa a, mɛpam mo afi asase no so sɛnea mɛyɛ wɔn a wɔte hɔ mprempren no.

AKCB: 29AKCB

“ ‘Obiara a ɔbɛyɛ akyiwade yi mu bi no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ɔman no mu.

AKCB: 30AKCB

Enti monhwɛ sɛ mubedi me mmara no so na monnyɛ saa abusude kɛse yi bi. Monnkɔyɛ abususɛm a wɔn a wɔte asase a morekɔ so no yɛ no bi mmfa ngu mo ho fi. Mene Awurade mo Nyankopɔn.’ ”