Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 35

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 35 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afei, Elihu kae se:

AKCB: 2AKCB

“Wugye di sɛ, eyi fata?Woka se, ‘Onyankopɔn betwitwa agye me.’

AKCB: 3AKCB

Nanso wubisa no se, ‘Mfaso bɛn na menya,na sɛ manyɛ bɔne a, mfaso bɛn na menya?’

AKCB: 4AKCB

“Mepɛ sɛ mibua wone wo nnamfonom nyinaa.

AKCB: 5AKCB

Ma wʼani so kyerɛ soro na hwɛ;hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi sorosoro nohɔ.

AKCB: 6AKCB

Sɛ woyɛ bɔne a, ɔkwan bɛn so na ɛfa haw no?Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuanso bɛn na enya wɔ ne so?

AKCB: 7AKCB

Sɛ woteɛ a, dɛn na wode ma noanaasɛ dɛn na onya fi wo nsam?

AKCB: 8AKCB

Wʼamumɔyɛ ka onipa a ɔte sɛ wona wo trenee ka nnipa mma nko ara.

AKCB: 9AKCB

“Nnipa su bere a wɔhyɛ wɔn so;na wɔsrɛ mmoa fi nea ɔwɔ tumi nsam.

AKCB: 10AKCB

Nanso obi mmisa se, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfo no wɔ,nea ɔma nnwom anadwo no,

AKCB: 11AKCB

nea ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sen asase so mmoana ɔma yehu nyansa sen wim nnomaa no?’

AKCB: 12AKCB

Sɛ nnipa su teɛ mu a, ommua,amumɔyɛfo ahantan nti.

AKCB: 13AKCB

Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no;na Otumfo remmu.

AKCB: 14AKCB

Ɛno de adɛn na ɔrentiebere a woka se wunhu no,na woka se wʼasɛm wɔ nʼanimenti ɛsɛ sɛ wotwɛn no,

AKCB: 15AKCB

na bio, nʼabufuw mmfa asotwe mmana nʼani nni amumɔyɛsɛm akyi pii?

AKCB: 16AKCB

Enti Hiob bue nʼano ka nsɛnhunu;nimdeɛ a onni nti, ɔkeka nsɛm bebree.”