Skip to main content

Scripture

Hiob Nhoma 34

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nhoma 34 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afei Elihu kae se,

AKCB: 2AKCB

“Mo anyansafo, muntie me nsɛm;mo nimdefo monyɛ aso mma me.

AKCB: 3AKCB

Efisɛ aso sɔ nsɛm hwɛsɛnea tɛkrɛma ka aduan hwɛ no.

AKCB: 4AKCB

Momma yɛnsese, nhu nea eye ma yɛn.Momma yɛn nyinaa mmɔ mu nsua nea eye.

AKCB: 5AKCB

“Hiob ka se, ‘Me ho nni asɛm,nanso Onyankopɔn abu me ntɛnkyew.

AKCB: 6AKCB

Ɛwɔ mu sɛ mʼasɛm da kwan mu,nanso wobu me ɔtorofo;ɛwɔ mu sɛ menyɛɛ bɔne biara,nanso ne bɛmma no ama me apirakuru a enwu da.’

AKCB: 7AKCB

Onipa bɛn na ɔte sɛ Hiob aɔnom animtiaabu sɛ nsu?

AKCB: 8AKCB

Ɔne amumɔyɛfo nantew;na ɔne atirimɔdenfo nso bɔ.

AKCB: 9AKCB

Efisɛ ɔka se, ‘Sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani aonnya so mfaso biara.’

AKCB: 10AKCB

“Enti mo mmarima a mowɔ ntease muntie me.Ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne,sɛ Otumfo no bɛyɛ mfomso.

AKCB: 11AKCB

Nnipa nneyɛe so na ɔhwɛ tua wɔn ka;nea ɛfata ne nneyɛe na ɔma ɛba ne so.

AKCB: 12AKCB

Ɛmfata sɛ wɔde mfomso susuw Onyankopɔn,na ɛmfata sɛ wɔde ntɛnkyew susuw Otumfo.

AKCB: 13AKCB

Hena na ɔde no sii asase so?Hena na ɔde wiase nyinaa hyɛɛ ne nsa?

AKCB: 14AKCB

Sɛ ɛyɛɛ ne pɛna oyii ne Honhom ne nʼahome a,

AKCB: 15AKCB

anka adesamma nyinaa bɛbɔ mu ayera,na onipa bɛsan akɔ mfutuma mu.

AKCB: 16AKCB

“Sɛ mowɔ nhumu a, muntie eyi;muntie nea meka.

AKCB: 17AKCB

So obi a okyi atɛntrenee betumi adi nnipa so?Mubetumi abu Ɔtreneeni kɛse no fɔ ana?

AKCB: 18AKCB

Ɛnyɛ Ɔno na ɔka kyerɛ ahemfo se, ‘Mo so nni mfaso,’na ɔka kyerɛɛ atitiriw se, ‘Moyɛ atirimɔdenfo,’

AKCB: 19AKCB

nea ɔnhwɛ mmapɔmma animna onyiyi adefo ne ahiafo mu,efisɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.

AKCB: 20AKCB

Wowuwu mmere tiaa bi mu, wɔ anadwo dasu mu;nnipa no ho wosow na wɔsen kɔ;ahoɔdenfo totɔ a emfi nipa.

AKCB: 21AKCB

“Nʼani hwɛ nnipa akwan;na ohu wɔn anammɔntu biara.

AKCB: 22AKCB

Baabiara nni hɔ a aduru sum, sum kabii,a amumɔyɛfo betumi ahintaw.

AKCB: 23AKCB

Ɛho nhia Onyankopɔn sɛ ɔbɛhwehwɛ nnipa mu bio,a enti ɛsɛ sɛ wɔba nʼanim begye atemmu.

AKCB: 24AKCB

Ɔbobɔ abirɛmpɔn gu a ɔnyɛ nhwehwɛmu biara,na ɔde afoforo sisi wɔn anan mu.

AKCB: 25AKCB

Efisɛ ohu wɔn nneyɛe,otu wɔn gu anadwo na wɔdwerɛw wɔn.

AKCB: 26AKCB

Otua wɔn amumɔyɛsɛm so kawɔ faako a obiara betumi ahu wɔn,

AKCB: 27AKCB

efisɛ wɔman fii nʼakyi kɔena wɔampɛ nʼakwan biara anhwɛ.

AKCB: 28AKCB

Wɔmaa ahiafo sufrɛ duu nʼanimna ɛma ɔtee mmɔborɔni su.

AKCB: 29AKCB

Nanso sɛ ɔyɛ komm a, hena na obetumi abu no fɔ?Sɛ ɔde nʼanim hintaw nso a, hena na obehu no?Nanso odi onipa ne ɔman so pɛpɛɛpɛ,

AKCB: 30AKCB

ɔmma onipa a onnim Nyame nni hene,sɛnea ɔrensum nnipa no mfiri.

AKCB: 31AKCB

“Sɛ ɛba sɛ onipa ka kyerɛ Onyankopɔn se,‘Mayɛ bɔne na merenyɛ bɔne bio.

AKCB: 32AKCB

Kyerɛ me na minhu;na sɛ mayɛ bɔne a, merenyɛ saa bio.’

AKCB: 33AKCB

So ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyina nea woka so tua wo ka,wɔ bere a woayɛ sɛ worennu wo ho ana?Ɛsɛ sɛ wusi gyinae, ɛnyɛ me;enti ka nea wunim kyerɛ me.

AKCB: 34AKCB

“Nnipa a wɔwɔ ntease pae mu ka,nimdefo a wotie me ka kyerɛ me se,

AKCB: 35AKCB

‘Hiob nkasa nimdeɛ kwan so;aba biara nni ne kasa mu.’

AKCB: 36AKCB

Ao, sɛ wɔsɔɔ Hiob hwɛ kɔɔ akyiri a anka eye,efisɛ oyiyii nsɛm ano sɛ omumɔyɛfo!

AKCB: 37AKCB

Ɔde atuatew ka ne bɔne ho;ɔde ahantan bɔ ne nsam gu yɛn sona ɔma ne nsɛm a ɔka tia Onyankopɔn no dɔɔso.”