Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 51

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 51 Bible text

AKCB: 1AKCB

Sɛɛ na Awurade se:“Monhwɛ, mɛkanyan ɔsɛefo bi honhomatia Babilonia ne nnipa a wɔwɔ Leb Kamai.

AKCB: 2AKCB

Mɛsoma ananafo akɔ Babiloniasɛ wonkohuhuw ne so na wɔnsɛe nʼasase;wobetia no wɔ afanan nyinaawɔ nʼamanehunu da no.

AKCB: 3AKCB

Mma agyantowni pema nʼagyan,mma ɔnhyɛ ne nkatabo.Mma ne mmerante mfa wɔn ho nni;sɛe nʼasraafo no pasaa.

AKCB: 4AKCB

Wɔbɛhwehwe ase a wɔatotɔ wɔ Babilonia,a wɔapirapira yiye wɔ ne mmɔnten so.

AKCB: 5AKCB

Na Israel Nyankopɔn, Asafo Awurade no,nnyaw Israel ne Yuda hɔ ɛ,ɛwɔ mu, afɔdi ahyɛ wɔn asase no so mawɔ Israel Ɔkronkronni no anim.

AKCB: 6AKCB

“Munguan mfi Babilonia!Muntu mmirika mpere mo nkwa!Mommma wɔnnsɛe mo esiane ne bɔne nti. Awurade aweretɔbere aso;ɔde nea ɛfata no betua no ka.

AKCB: 7AKCB

Na Babilonia yɛ sikakɔkɔɔ kuruwa wɔ Awurade nsam;ɔmaa asase nyinaa bow nsa.Aman no nom ne nsa;ɛno nti, afei wɔabobɔ adam.

AKCB: 8AKCB

Babilonia bɛhwe ase abubu mpofirim.Muntwa ne ho agyaadwo!Mompɛ ne yaw no ano aduru;ebia ne ho bɛtɔ no.

AKCB: 9AKCB

“ ‘Anka yɛbɛsa Babilonia yare,nanso wontumi nsa no yare;momma yennyaw no hɔ na obiara nkɔ nʼankasa asase so,efisɛ nʼatemmu du sorosoro;ɛforo soro te sɛ omununkum.’

AKCB: 10AKCB

“ ‘Awurade abu yɛn bem.Mommra, momma yɛnka wɔ Sion,nea Awurade, yɛn Nyankopɔn ayɛ.’

AKCB: 11AKCB

“Monsew agyan no ano!Momfa nkatabo no! Awurade ahwanyan Mede ahemfo no,efisɛ ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia. Awurade bɛtɔ were,ɔbɛtɔ were ama nʼasɔrefi no.

AKCB: 12AKCB

Mompagyaw frankaa bi ntia Babilonia afasu!Mummia bammɔ mu,momma awɛmfo no nnyinagyina.Munsiesie ahintawee! Awurade bɛma nʼatirimpɔw aba mu,nea wahyɛ atia Babilonia no.

AKCB: 13AKCB

Mo a motete nsuwansuwa bebree hona nnwetɛbona abu mo so,mo awiei aba,bere a ɛsɛ sɛ wotwa mo kyene no.

AKCB: 14AKCB

Asafo Awurade, aka ne ho ntam sɛ:mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ tɛwtɛw,na wɔabɔ ose wɔ wo so.

AKCB: 15AKCB

“Ɔde ne tumi bɔɔ asase;ɔtoo wiase fapem wɔ ne nyansa muna ɔde ne nhumu trɛw ɔsorosoro mu.

AKCB: 16AKCB

Sɛ ɔbobɔ mu a, ɔsoro nsu woro so;ɔma omununkum ma ne ho so fi nsase ano.Ɔsoma anyinam ka osu hona ɔma mframa bɔ fi ne koradan mu.

AKCB: 17AKCB

“Onipa biara nnim nyansa, na onni nimdeɛ;sikadwumfo biara anim gu ase, esiane nʼahoni nti.Ne nsɛsode yɛ atoro;wonni ɔhome biara wɔ wɔn mu.

AKCB: 18AKCB

Wɔn so nni mfaso, wɔn ho yɛ serew;sɛ wɔn atemmu du so a, wɔbɛyera.

AKCB: 19AKCB

Nea ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ eyinom,efisɛ ɔno ne ade nyinaa Yɛfoa Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapade nso ka ho.Asafo Awurade ne ne din.

AKCB: 20AKCB

“Woyɛ me ko abaa,mʼakode a mede kɔ samede wo dwerɛw amanaman,mede wo sɛe ahenni bebree,

AKCB: 21AKCB

mede wo bobɔ ɔpɔnkɔ ne ne sotefo,teaseɛnam ne ne kafo,

AKCB: 22AKCB

mede wo dwerɛw ɔbarima ne ɔbea,mede wo dwerɛw akwakoraa ne ɔbabun,mede wo dwerɛw aberante ne ababaa,

AKCB: 23AKCB

mede wo dwerɛw oguanhwɛfo ne nguankuw,mede wo dwerɛw okuafo ne anantwi,mede wo dwerɛw amradofo ne adwumayɛfo.

AKCB: 24AKCB

“Metua Babilonia ne wɔn a wɔtete Babilonia ka wɔ mfomso a, wɔayɛ wɔ Sion nyinaa, wɔ wʼanim,” Awurade na ose.

AKCB: 25AKCB

“Bepɔw sɛefo, me ne wo anya,wo a wosɛe asase nyinaa no,” Awurade na ose.“Mɛteɛ me nsa wɔ wo somepia wo afi abotan no so,na mayɛ wo sɛ bepɔw a ɛnka hwee.

AKCB: 26AKCB

Wɔremfa ɔbo biara mfi wo so nyɛ tweatiboanaasɛ fapem mpo,efisɛ wobɛda mpan afebɔɔ,” Awurade na ose.

AKCB: 27AKCB

“Momma frankaa so wɔ asase no so!Monhyɛn torobɛnto no wɔ amanaman no mu!Munsiesie amanaman no mma wontu no so sa;Momfrɛfrɛ saa ahenni ahorow yi mma wɔnko ntia no:Ararat, Mini ne Askenas.Munnyi ɔsahene ntia no;momfa apɔnkɔ manyamanya te sɛ tɛwtɛw mmra.

AKCB: 28AKCB

Munsiesie amanaman no mma wontu no so sa,mo Mede ahemfo,wɔn amradofo ne wɔn adwumayɛfo nyinaa,ne aman a wodi so nyinaa.

AKCB: 29AKCB

Asase no wosow, na onukunuku ne mu,efisɛ Awurade atirimpɔw a etia Babiloniasɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase aobiara rentumi ntena so no nsakraa ɛ.

AKCB: 30AKCB

Babilonia dɔmmarima agyae kowɔhyehyɛ wɔn aban mu.Wɔn ahoɔden asa;wɔayɛ sɛ mmea.Wɔatoto nʼatenae ahorow no mu gya,na wɔabubu nʼapon akyi adaban.

AKCB: 31AKCB

Abɔfo didi sona asomafo didi so awɔrekɔbɔ Babiloniahene amanneɛ se,wɔafa ne kuropɔn no,

AKCB: 32AKCB

wɔagye asutwabea ahorow a ɛdeda asubɔnten no ano no afa,na wɔde ogya ato ɔwora no mu,na asraafo no abɔ huboa.”

AKCB: 33AKCB

Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se:“Babilonia Babea ayɛ sɛ, awiporowbeawɔ bere a wɔretiatia hɔ.Aka kakraa bi, na bere a ɛsɛ sɛ wotwa no sɛ nnɔbae no adu.”

AKCB: 34AKCB

“Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛw yɛn,ɔde yɛn ato ɔhaw mu,wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni mu.Wamene yɛn sɛ ɔwɔ nona ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma,na wapuw yɛn afi nʼanom agu.

AKCB: 35AKCB

Ma ayakayakade a wɔde dii yɛn honam no mmra Babilonia so,”nnipa a wɔtete Sion na wɔka.“Ma yɛn mogya ngu wɔn a wɔtete Babilonia so,”Yerusalem na ɔka.

AKCB: 36AKCB

Enti sɛɛ na Awurade se:“Hwɛ, medi mo asɛm ama mona matɔ were ama mo;Mɛma po a ɛyɛ ne de no ayowna mama ne nsubɔnten ayoyow.

AKCB: 37AKCB

Babilonia bɛyɛ mmubui siw,sakraman atuahodwiriwde ne fɛwdi,baabi a obiara nte.

AKCB: 38AKCB

Ne nkurɔfo nyinaa bobɔ mu sɛ gyata,wɔbobɔ mu te sɛ gyatamma.

AKCB: 39AKCB

Nanso bere a wɔahwanyan wɔn ho no,mɛto pon ama wɔnna mama wɔabobow nsa,sɛnea wɔde nteɛteɛmu bedi ahurusi,na wɔadeda a wɔrennyan bio,” Awurade na ose.

AKCB: 40AKCB

“Mede wɔn bɛbate sɛ nguantenmma a wɔrekokum wɔn,te sɛ adwennini ne mpapo.

AKCB: 41AKCB

“Sɛnea wɔbɛfa Sesak,wɔbɛfa asase nyinaa so ahohoahoa!Babilonia bɛyɛ ahodwiriwdewɔ amanaman no mu!

AKCB: 42AKCB

Po bebunkam afa Babilonia so;na nʼasorɔkye bɛkata ne so.

AKCB: 43AKCB

Ne nkurow bɛda mpan,nweatam a so awo,asase a obiara nte so,na obiara ntu kwan mfa so.

AKCB: 44AKCB

Mɛtwe Bel aso wɔ Babiloniana mama wapuw nea wamene agu.Amanaman no rento santen nkɔ ne nkyɛn bio.Na Babilonia fasu bebubu.

AKCB: 45AKCB

“Me nkurɔfo, mumfi ne mu!Muntu mmirika mpere mo nkwa!Munguan mfi Awurade abufuwhyew ano.

AKCB: 46AKCB

Mommma mo koma ntu na munnsurosɛ mote huhuhuhu wɔ asase no so a;huhuhuhu ba afe yi na foforo ba afe a ɛbɛba,basabasayɛ ho huhuhuhu wɔ asase no soɛfa ɔhene a ɔsɔre tia ɔfoforo ho.

AKCB: 47AKCB

Na ampa ara bere no bɛbaa mɛtwe Babilonia ahoni aso;nʼasase no nyinaa anim begu asena nʼatɔfo nyinaa bɛtotɔ ase wɔ ne so.

AKCB: 48AKCB

Ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaade ahosɛpɛw bɛteɛ mu agu Babilonia so,efisɛ ɔsɛefo befi atifi famabɛtow ahyɛ ne so,” Awurade na ose.

AKCB: 49AKCB

“Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, esiane Israel atɔfo ntisɛnea atɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa ahwehwe aseesiane Babilonia nti no.

AKCB: 50AKCB

Mo a mo aguan afi afoa ano,monkɔ, na monntwentwɛn mo nan ase!Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so,na munnwen Yerusalem ho.”

AKCB: 51AKCB

“Wɔagu yɛn anim ase,efisɛ wayeyaw yɛnna fɛre akata yɛn anim,efisɛ ananafo ahyɛn Awurade fi kronkronbea ahorow hɔ.”

AKCB: 52AKCB

“Nanso nna bi reba,” Awurade na ose,“a mɛtwe nʼahoni aso,na nʼasase so nyinaaapirafo besi apini.

AKCB: 53AKCB

Sɛ Babilonia kɔka soro mpo,na omiamia nʼaban tenten bammɔ mu a,mɛsoma ɔsɛefo ne no abedi asi,” Awurade na ose.

AKCB: 54AKCB

“Osu nnyigyei bi fi Babilonia,ɔsɛe kɛse bi nnyigyeifi Babiloniafo asase so.

AKCB: 55AKCB

Awurade bɛsɛe Babilonia;ɔbɛma nʼasotuatua nnyigyei no agyae.Atamfo a wɔte sɛ ahum betu sɛ nsu akɛse;wɔn mmubomu bɛyɛ gyegyeegye.

AKCB: 56AKCB

Ɔsɛefo bi bɛsɔre atia Babilonia;wɔbɛfa ne dɔmmarima nnommumna wobebubu wɔn tadua mu.Efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu;obetua so ka pɛpɛɛpɛ.

AKCB: 57AKCB

Mɛma nʼadwumayɛfo ne nʼanyansafo abow nsanʼamradonom, ne mpanyimfo ne dɔmmarima nso saa ara;wɔbɛdeda afebɔɔ a wɔrennyan,”sɛɛ na ɔhempɔn a ne din ne Asafo Awurade, no se.

AKCB: 58AKCB

Sɛɛ na Asafo Awurade, se:“Wobedwiriw Babilonia afasu a ɛtrɛw no agu famna wɔbɛto nʼapon atenten no mu gya;nnipa no haw wɔn ho kwa,ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛw mmom.”

AKCB: 59AKCB

Eyi ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfo panyin na ɔyɛ Maseia nena no, bere a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedi afe a ɛto so anan no mu.

AKCB: 60AKCB

Na Yeremia akyerɛw amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nhoma mmobɔwee so, nea wakyerɛw a ɛfa Babilonia ho nyinaa.

AKCB: 61AKCB

Ɔka kyerɛɛ Seraia se, “Sɛ wudu Babilonia a, hwɛ sɛ wobɛkenkan saa nsɛm yi nyinaa sɛnea obiara bɛte.

AKCB: 62AKCB

Afei ka se, ‘Awurade, woaka se wobɛsɛe beae yi sɛnea onipa anaa aboa biara rentumi ntena so; na ɛbɛda mpan afebɔɔ.’

AKCB: 63AKCB

Sɛ wokenkan nhoma mmobɔwee yi wie a, kyekyere fam ɔbo ho, na tow kyene Asubɔnten Eufrate mu.

AKCB: 64AKCB

Afei ka se, ‘Sɛɛ na Babilonia ne ne nkurɔfo bɛmem a wɔrensɔre bio, esiane amanehunu a mede bɛba ne so no nti.’ ”Yeremia nsɛm no awiei ni.