Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 50

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 50 Bible text

AKCB: 1AKCB

Asɛm a Awurade nam odiyifo Yeremia so ka faa Babilonia ne Babiloniafo asase ho ni:

AKCB: 2AKCB

“Mommɔ no dawuru na mompae mu nka wɔ amanaman mu.Momma frankaa so na mompae mu nka;na momma wɔnte sɛ,‘Wɔbɛfa Babilonia;wobegu Bel anim ase,na ehu bɛhyɛ Merodak ma.Wobegu ne nsɛsode anim asena ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.’

AKCB: 3AKCB

Ɔman bi fi atifi fam bɛtow ahyɛ ne sona wɔbɛyɛ nʼasase amamfo.Obiara rentena so;nnipa ne mmoa beguan afi so.

AKCB: 4AKCB

“Nna no mu ne saa bere no,” Awurade na ose,“Israelfo ne Yudafo bɛka abɔ mude nusu akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Nyankopɔn.

AKCB: 5AKCB

Wobebisa ɔkwan a ɛkɔ Sionna wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ.Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ Awuradewɔ daa apam awerɛ remfi mu.

AKCB: 6AKCB

“Me nkurɔfo ayɛ nguan a wɔayera;wɔn nguanhwɛfo ama wɔafom ɔkwanma wokyinkyin mmepɔw so.Wokyinkyin bepɔw ne koko sona wɔn werɛ fii wɔn ankasa homebea.

AKCB: 7AKCB

Obiara a ohuu wɔn no tetew wɔn mu:wɔn atamfo kae se, ‘Yenni fɔ,efisɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade, wɔn nokware didibea no, Awurade wɔn agyanom anidaso no.’

AKCB: 8AKCB

“Munguan mfi Babilonia;mumfi Babiloniafo asase so,na monyɛ sɛ mpapo a wodi nguankuw anim.

AKCB: 9AKCB

Mɛkanyan amanaman akɛse nkabomafi atifi fam asase so de wɔn abɛko atia Babilonia.Wobegyinagyina wɔn afa atia no,wobefi atifi fam ako afa no.Wɔn agyan bɛyɛ sɛ dɔmmarima a wɔakwadaw akodi mu,wɔn a wɔmmfa nsapan nsan wɔn akyi.

AKCB: 10AKCB

Enti wɔbɛfow Babilonia;wɔn a wɔfow no nyinaa benya asade bebree,” Awurade na ose.

AKCB: 11AKCB

“Esiane sɛ mo ani gye na mudi ahurusi,mo a mofow mʼagyapade,sɛ muhuruhuruw anigye so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ sare frɔmfrɔm muna musu te sɛ apɔnkɔnini nti,

AKCB: 12AKCB

wo na ani bewu pa ara;nea ɔwoo wo anim begu ase.Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu,sare, asase wosee ne nweatam.

AKCB: 13AKCB

Awurade abufuw nti, obiara rentena hɔna ɛbɛda mpan korakora.Wɔn a wotwa mu wɔ Babilonia nyinaa ho bedwiriw wɔn na wɔadi ne ho fɛwesiane nʼapirakuru nyinaa nti.

AKCB: 14AKCB

“Munnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia,mo a motow agyan nyinaa.Montow no! Munnyaw bɛmma biara,efisɛ wayɛ bɔne atia Awurade.

AKCB: 15AKCB

Monteɛ mu ntia no wɔ afanan nyinaa!Ɔma ne nsa so, nʼabandennen bubu,wodwiriw nʼafasu gu fam.Esiane sɛ eyi yɛ Awurade aweretɔ no nti,montɔ ne so were;monyɛ no sɛnea wayɛ afoforo no.

AKCB: 16AKCB

Munyi ogufo mfi Babilonia,ɔne otwafo a okura ne kantankrankyi wɔ otwabere mu no.Esiane nhyɛsofo no afoa ntiobiara nsan nkɔ ne nkurɔfo mu,obiara nguan nkɔ nʼankasa asase so.

AKCB: 17AKCB

“Israel yɛ nguankuw a wɔahwetea gyata apam wɔn.Nea odii kan tetew ne muyɛ Asiriahene;na nea ɔdwerɛwee ne nnompe akyiri noyɛ Babiloniahene Nebukadnessar.”

AKCB: 18AKCB

Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se:“Mɛtwe Babiloniahene ne nʼasase asosɛnea metwee Asiriahene aso no.

AKCB: 19AKCB

Na mede Israel bɛsan aba nʼankasa didibea,na obedidi wɔ Karmel ne Basan;ɔbɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkoko so.

AKCB: 20AKCB

Saa nna no ne saa bere no,” Awurade na ose,“Wɔbɛhwehwɛ Israel afɔbu mu,nanso wɔrennya bi,wɔbɛhwehwɛ Yuda nnebɔne mu,nanso wɔrenhu bi,efisɛ, mede nkae a migyaa wɔn no bɔne bɛkyɛ wɔn.

AKCB: 21AKCB

“Montow nhyɛ Merataim asase sone nnipa a wɔte Pekod.Montaa wɔn, munkunkum wɔnna monsɛe wɔn korakora,” Awurade na ose.“Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no.

AKCB: 22AKCB

Ɔko mu gyegyeegye wɔ asase no so,ɔsɛe kɛse nnyigyei!

AKCB: 23AKCB

Hwɛ sɛnea wɔabubu na wɔabobɔasase nyinaa so asae!Hwɛ sɛnea Babilonia ada mpanwɔ amanaman no mu!

AKCB: 24AKCB

Misum wo afiri, Babilonia,na eyii wo ansa na worehu;wohuu wo kyeree woefisɛ woko tiaa Awurade.

AKCB: 25AKCB

Otumfo Awurade abue nʼakode adekoradanna wayi nʼabufuwhyew akode de apue,efisɛ Asafo Awurade wɔ adwuma yɛwɔ Babiloniafo asase so.

AKCB: 26AKCB

Mumfi akyirikyiri mmra ne so.Mummubu nʼasan no ani;monhɔre no siw sɛ awi akuwakuw.Monsɛe no korakorana munnyaw nkae biara mma no.

AKCB: 27AKCB

Munkunkum nʼanatwinini nyinaa;momfa wɔn nkɔ mma wonkokum wɔn!Mmusu nka wɔn! Efisɛ wɔn da no adu,bere a wɔde bɛtwe wɔn aso no.

AKCB: 28AKCB

Muntie akobɔfo ne aguanfo a wofi Babilonia nosɛ wɔreka wɔ Sionsɛnea Awurade, yɛn Nyankopɔn atɔ were,nʼasɔrefi ho aweretɔ.

AKCB: 29AKCB

“Momfrɛ agyantowfo nkɔtoa Babilonia,wɔn a wɔtow agyan nyinaa.Muntwa ne ho nhyia;mommma obiara nguan.Muntua ne nneyɛe so ka;monyɛ no sɛnea wayɛ.Efisɛ wabu Awurade animtiaa,Israel kronkronni no.

AKCB: 30AKCB

Enti ne mmerante bɛtotɔ wɔ mmɔnten so;wɔbɛtɔre nʼasraafo nyinaa ase saa da no,” Awurade na ose.

AKCB: 31AKCB

“Hwɛ, mikyi wo; ɔhantanni.” Awurade, Asafo Awurade na ose,“efisɛ wo da no adubere a wɔde bɛtwe wʼaso no.

AKCB: 32AKCB

Ɔhantanni no behintiw na wahwe ase,obiara remmoa no mma ɔnnsɔre;mɛto ne nkurow mu gyana ahyew wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.”

AKCB: 33AKCB

Sɛɛ na Asafo Awurade se:“Wɔhyɛ Israelfo so,na Yudafo nso saa ara.Wɔn nnommumfafo no kura wɔn dennena wɔmpɛ sɛ wogyaa wɔn ma wɔkɔ.

AKCB: 34AKCB

Nanso wɔn Gyefo yɛ ɔhoɔdenfo;ne din ne Asafo Awurade.Obedi wɔn asɛm ama wɔn anibere so,sɛnea ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so,na wɔn a wɔte Babilonia no nea wahyɛ wɔn ahometew.

AKCB: 35AKCB

“Afoa a etia Babiloniafo!” Awurade na ose,“etia wɔn a wɔte Babiloniana etia nʼadwumayɛfo ne nʼanyansafo!

AKCB: 36AKCB

Afoa a etia nʼatoro adiyifo!Wɔbɛdan nkwaseafo.Afoa a etia nʼakofo!Ehu bɛhyɛ wɔn ma.

AKCB: 37AKCB

Afoa a etia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnamne ananafo a wɔwɔ wɔn mu nyinaa!Wɔbɛdan mmea.Afoa a etia nʼademude!Wɔbɛfom.

AKCB: 38AKCB

Ɔyow wɔ nʼasu ahorow so!Ɛbɛyoyow.Efisɛ ɛyɛ ahoni asase,ahoni a ehu bɛma wɔabobɔ adam.

AKCB: 39AKCB

“Enti sare so mmoa ne mpataku bɛtena hɔ,na ɛhɔ na patu bɛtena.Obiara rentena so bioefi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.

AKCB: 40AKCB

Sɛnea Onyankopɔn tuu Sodom ne Gomorane wɔn nkurow gui no,” Awurade na ose,“saa ara na obiara rentena hɔ;onipa biara rentena mu.

AKCB: 41AKCB

“Monhwɛ! Asraafo bi fi atifi fam reba;ɔman kɛse ne ahemfo bebree,wɔrehwanyan wɔn afi nsase ano.

AKCB: 42AKCB

Wokurakura bɛmma ne mpeaw;wɔn tirim yɛ den, na wonni ahummɔbɔ.Wɔn nnyigyei te sɛ po a ɛworo so.Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,wɔba sɛ mmarima a wɔrekɔ saabɛtow ahyɛ wo so, Ɔbabea Babilonia.

AKCB: 43AKCB

Babiloniahene ate wɔn ho nsɛm,ne nsa sesa ne ho kwa.Ahohiahia akyekyere noɔyaw a ɛte sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so.

AKCB: 44AKCB

Sɛnea gyata a ofi Yordan nkyɛkyerɛ murekɔ adidibea frɔmfrɔm no,saa ara na mɛtaa Babilonia fi nʼasase so wɔ bere tiaa bi mu.Hena ne nea mayi no sɛ ɔnyɛ eyi?Hena na ɔte sɛ me, na hena na obetumi ne me adi asi?Na oguanhwɛfo bɛn na obetumi asɔre atia me?”

AKCB: 45AKCB

Enti tie nea Awurade ahyehyɛ atia Babilonia,nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia Babiloniafo asase ni:Nguankuw no mu nkumaa no wɔbɛtwe wɔn akɔ;wɔn nti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.

AKCB: 46AKCB

Babilonia nnommumfa nnyigyei bɛma asase awosow;ne nteɛteɛmu gyegyeegye wɔ amanaman no mu.