Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 48

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 48 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nea ɛfa Moab ho:Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se:“Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no.Wobegu Kiriataim anim ase, na wɔafa;wobegu aban dennen no anim ase, na wɔadwiriw agu fam.

AKCB: 2AKCB

Wɔrenkamfo Moab bio;Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehwe ho pɔw;‘Mommra, momma yɛnkɔbɔ saa ɔman yi.’Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano ato mu;afoa no bɛtaa mo.

AKCB: 3AKCB

Muntie osu a efi Horonaim,adesɛe ne ɔsɛe ho su.

AKCB: 4AKCB

Wɔbɛbɔ Moab:na ne mma nketewa bɛteɛteɛ mu.

AKCB: 5AKCB

Wɔforo kɔ Luhit,wɔde agyaadwotwa a mu yɛ den na ɛrekɔ;ɔkwan a ɛkɔ Horonaim so nowɔte ahoyeraw nteɛteɛmu wɔ adesɛe no ho.

AKCB: 6AKCB

Munguan! muntu mmirika mpere mo nkwa.Monyɛ sɛ wura wɔ nweatam so.

AKCB: 7AKCB

Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛe ne mo ahonya so nti,mo nso wɔbɛfa mo nnommum,na Kemos bɛkɔ nnommum mu,ɔne nʼasɔfo ne adwumayɛfo.

AKCB: 8AKCB

Ɔsɛefo no betu kurow biara so sa,na mu biara rennya ne ho ntetew.Wɔbɛsɛe obon nona wasɛe mmepɔw mpampam a ɛyɛ tamaa no,efisɛ Awurade akasa.

AKCB: 9AKCB

Momfa nkyene nhyɛ Moab,efisɛ wɔrebɛsɛe no;ne nkurow bɛda mpan aobiara rentena mu.

AKCB: 10AKCB

“Nnome nka nea ɔtwentwɛn ne nan ase wɔ Awurade adwumayɛ ho!Nnome nka nea ɔmmfa nʼafoa nhwie mogya ngu!

AKCB: 11AKCB

“Moab atena ase asomdwoe mu fi ne mmerantebere mu,te sɛ nsa ase puw a ataa dinn,wonnhwie mfi ahina mu nkogu ahina foforo mu,ɔnkɔɔ nnommum mu da.Enti ɔte sɛ nea ɔte ara,na ne ho hua nsakrae ɛ.

AKCB: 12AKCB

Nanso nna bi reba,” Awurade na ose,“a mɛsoma mmarima a wohwie fi ahina mu,na wobehwie no agu;wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hweena wɔabobɔ ne nkuruwa.

AKCB: 13AKCB

Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu,sɛnea Israelfi anim guu asebere a wɔde wɔn ho too Bet-El so no.

AKCB: 14AKCB

“Ɛbɛyɛ dɛn na wutumi ka se, ‘Yɛyɛ dɔmmarima,mmarima akokodurufo wɔ ɔsa mu’?

AKCB: 15AKCB

Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkurow so sa;wobekunkum ne mmerante a wɔte apɔw no,”nea Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo Awurade no se ni.

AKCB: 16AKCB

“Moab asehwe abɛn;nʼamanehunu bɛba ntɛm.

AKCB: 17AKCB

Munsu no, mo a motete ne ho nyinaa,ne mo a munim ne din nyinaa;monka se, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempema a ɛyɛ den yiɛyɛɛ dɛn wɔabu anuonyam pema fɛfɛ yi mu!’

AKCB: 18AKCB

“Fi wʼanuonyam mu,na bɛtena asase wosee no so,wo a wote Dibon Babea,efisɛ nea ɔsɛe Moab nobetu aba wo soabɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ no.

AKCB: 19AKCB

Gyina kwankyɛn na hwɛ,wo a wote Aroer.Bisa ɔbarima a ɔreguan no ne ɔbea a ɔrefi mu afi,bisa wɔn se, ‘Asɛm bɛn na asi?’

AKCB: 20AKCB

Moab anim agu ase, efisɛ wɔabubu no pasaa;muntwa adwo na monteɛteɛ mu!Mommɔ dawuru wɔ Arnon ho sewɔasɛe Moab.

AKCB: 21AKCB

Atemmu aba bepɔw tamaa sowɔ Holon, Yahas ne Mefaat,

AKCB: 22AKCB

Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim

AKCB: 23AKCB

ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon

AKCB: 24AKCB

ne Keriot ne Bosrawɔ Moab nkurow nyinaa, nea ɛwɔ akyirikyiri ne nea ɛbɛn.

AKCB: 25AKCB

Wɔatwa Moab mmɛn;na ne basa abu,” Awurade na ose.

AKCB: 26AKCB

“Momma no mmow nsa,efisɛ wabu Awurade animtiaa.Momma Moab nyantam wɔ ne fe mu;momma no nyɛ nea wodi ne ho fɛw.

AKCB: 27AKCB

Ɛnyɛ Israel na na wudi ne ho fɛw?Wɔkyeree no akorɔmfo mu ana,a enti mowosow mo ti animtiaabu sobere biara a mobɛka ne ho asɛm?

AKCB: 28AKCB

Mumfifi mo nkurow so nkɔtena abotan mu,mo a motete Moab.Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne berebuwwɔ ɔbodan ano.

AKCB: 29AKCB

“Yɛate Moab ahantan nonʼahomaso ne gye a ogye ne ho di mmoroso;nʼahantan ne nʼahomaso,ne ne koma mu ahohoahoa.

AKCB: 30AKCB

Minim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,” Awurade na ose,“na nʼahohoahoa mfa hwee mma.

AKCB: 31AKCB

Enti mitwa adwo ma Moab,misu teɛ mu ma Moabfo nyinaa,midi awerɛhow ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.

AKCB: 32AKCB

Misu ma mo sɛnea Yaser su,mo Sibma bobe.Mo mman dennan kɔɔ po ho pɛɛ;koduu Yaser po ho.Ɔsɛefo no abegumo nnuaba a abere ne mo bobe no so.

AKCB: 33AKCB

Ahosɛpɛw ne anigye atu afiMoab nnuaba nturo ne mfuw so.Matwa nsa a ɛteɛ fi nsakyiamoa no so;obiara mmfa ahosɛpɛw ntiatia bobe no so.Ɛwɔ mu nteɛteɛmu wɔ hɔ de,nanso ɛnyɛ ahosɛpɛw nteɛteɛmu.

AKCB: 34AKCB

“Wɔn su ano den gyigye fiHesbon kɔ Eleale ne Yahas,fi Soar de kosi Horonaim ne Eglat Selisiya,mpo, nsu a ɛwɔ Nimrim no ayow.

AKCB: 35AKCB

Moab mu,mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhuama wɔhyew ma wɔn anyame no, bɛba awiei,” Awurade, na ose.

AKCB: 36AKCB

“Enti me koma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab;esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.Ahonyade a wɔpɛe no kɔ.

AKCB: 37AKCB

Wɔabɔ eti biara tikwawna wɔayi abogyesɛ biara;nsa nyinaa ho ayɛ akamakamna atweaatam sisi obiara asen.

AKCB: 38AKCB

Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifine ɔmanfo aguabɔbea nyinaa;biribiara nni hɔ sɛ awerɛhow,efisɛ mabubu Moabayɛ no sɛ ahina a obiara mpɛ,” Awurade na ose.

AKCB: 39AKCB

“Hwɛ sɛnea wabubu afa! Hwɛ sɛnea wɔretwa adwo!Na hwɛ sɛnea Moab de aniwu dan nʼakyi!Moab ayɛ nea wodi ne ho fɛw,ne ahodwiriwde ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.”

AKCB: 40AKCB

Sɛɛ na Awurade se:“Monhwɛ! ɔkɔre rebɔ hoo aba fam.Watrɛw ne ntaban mu wɔ Moab so.

AKCB: 41AKCB

Wɔbɛfa Keriot nnommumna wɔafa nʼabandennen no.Saa da no Moab dɔmmarima komabetu sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so.

AKCB: 42AKCB

Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio,efisɛ obuu Awurade animtiaa.

AKCB: 43AKCB

Ehu, nkonomoa ne afiri retwɛn mo,Moabfo,” Awurade na ose.

AKCB: 44AKCB

“Nea oguan nea ɛyɛ hu nobɛtɔ nkonomoa mu,nea ɔbɛforo afi nkonomoa no mu noafide beyi no;na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,” Awurade na ose.

AKCB: 45AKCB

“Hesbon nwini asena aguanfo no gyinagyina a wonni mmoa biara,efisɛ ogya bi atu afi Hesbon;ogyaframa bi fi Sihon mfimfini;ɛhyew Moab moma,ne ahohoahoafo a wɔn ano yɛ den no ti koraa.

AKCB: 46AKCB

Nnome nka wo, wo Moab!Wɔasɛe Kemos nkurɔfo no;wɔde wo mmabarima kɔ nnommum muna wo mmabea nso kɔ nkoasom mu.

AKCB: 47AKCB

“Nanso mede Moab adenya bɛsan ama nowɔ nna a ɛbɛba no mu,” Awurade na ose.Moab atemmu no awiei ni.