Scripture
Odiyifo Yeremia Nhoma 47
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yeremia Nhoma 47 Bible text
Ansa na Farao bɛtow ahyɛ Gasa so no, eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifo ho a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn:
Sɛɛ na Awurade se:“Monhwɛ sɛnea nsu rebobɔ ba wɔ atifi fam;ɛbɛyɛ ɔhweam a abu afa so.Ebebu afa asase no ne biribiara ɛwɔ so no so,nkurow no ne nnipa a wɔtete mu.Nnipa no bɛteɛteɛ mu;wɔn a wɔte asase no so nyinaa betwa adwo
bere a wɔate apɔnkɔ a wotu mmirika no anan ase nnyigyei,na wɔate atamfo no nteaseɛnam gyegyeegyene wɔn ntwahonan nnyigyei no.Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.
Na da no abasɛ wɔsɛe Filistifo no nyinaana wotwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,wɔn a anka wotumi boa Tiro ne Sidon no. Awurade rebɛsɛe Filistifo no,nkae a wofi Kreta mpoano no.
Gasa bɛbɔ tikwaw bere a ɔretwa adwo;wɔbɛma Askelon atɔ mum.Mo nkae a mowɔ tataw so,mobɛbobɔ mo ho akam akosi da bɛn?
Na ɛbɛyɛ dɛn na ada kommbere a Awurade ahyɛ nobere a wahyɛ no seɔnkɔtow nhyɛ Askelon ne mpoano asase no so?”