Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 22

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 22 Bible text

AKCB: 1AKCB

Sɛɛ na Awurade se, “Sian kɔ Yudahene ahemfi na kɔpae mu ka saa asɛm yi:

AKCB: 2AKCB

‘Tie Awurade asɛm, Yudahene, wo a wote Dawid ahengua so, wo, wʼakannifo ne wo nkurɔfo a wɔfa apon yi mu.

AKCB: 3AKCB

Sɛɛ na Awurade se: Monyɛ nea ɛteɛ na ɛnam kwan mu. Munnye nea wɔabɔ no korɔn mfi ne hyɛsofo nsam. Monnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na munnhwie mogya a edi bem ngu wɔ ha.

AKCB: 4AKCB

Sɛ moyɛ ahwɛyie na mudi saa ahyɛde yi so a, ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo ne wɔn nkurɔfo bɛfa saa ahemfi apon yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so.

AKCB: 5AKCB

Enti sɛ moanni saa nhyehyɛe yi so a, Awurade na ose, “Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfi yi bɛdan ofituw.” ’ ”

AKCB: 6AKCB

Nea Awurade ka fa Yudahene ahemfi ho ni:“Ɛwɔ mu wote sɛ Gilead ma me,te sɛ Lebanon mmepɔw atifi,nokware, mɛyɛ wo sɛ nweatam,sɛ nkurow a obiara nte mu.

AKCB: 7AKCB

Mɛsoma asɛefo abɛtoa mo,obiara ne nʼakode,wobetwitwa mo sida mpuran fɛfɛ no muna wɔatow agu ogya no mu.

AKCB: 8AKCB

“Nnipa a wofifi aman bebree so betwa mu wɔ kuropɔn yi so, na wobebisabisa wɔn ho wɔn ho se, ‘Adɛn nti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛse yi sɛɛ?’

AKCB: 9AKCB

Na mmuae no bɛyɛ sɛ, ‘Efisɛ wɔagyaw Awurade, wɔn Nyankopɔn apam no akɔsɔre anyame afoforo asom wɔn.’ ”

AKCB: 10AKCB

Munnsu ɔhene a wafi mu, na munni ne ho awerɛhow;mmom, munsu dennen mma nea ɔkɔ nnommum mu,efisɛ ɔrensan nʼakyina ɔrenhu asase a wɔwoo no wɔ so no bio.

AKCB: 11AKCB

Na sɛɛ na Awurade ka faa Yosia babarima Salum a odii nʼagya ade sɛ Yudahene na wafi ha no ho: “Ɔrensan mma bio.

AKCB: 12AKCB

Obewu wɔ faako a wɔafa no nnommum kɔ hɔ; na ɔrenhu saa asase yi bio.”

AKCB: 13AKCB

“Nnome nka nea ɔmfa ɔkwan trenee so nsi nʼahemfi,ɔde asisi si nʼabansoro,ɔma ne manfo yɛ adwuma kwa,ontua wɔn apaade so ka.

AKCB: 14AKCB

Ɔka se, ‘Mesi ahemfi kɛse ama me honea ɛwɔ abansoro adan a mu soso.’Enti ɔyɛ mfɛnsere akɛse wɔ mu,ɔde sida dura muna ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.

AKCB: 15AKCB

“Wowɔ sida bebree ana ɛma woyɛ ɔhene ana?Na wʼagya nni aduan ne nsa ana?Ɔyɛɛ nea ɛfa ne kwan mu na ɛteɛ,enti esii no yiye.

AKCB: 16AKCB

Odii mmɔborɔfo ne ahiafo nsɛm maa wɔn,enti biribiara yɛɛ yiye maa no.Na ɛnyɛ eyi na ɛkyerɛ sɛ obi nim me ana?” Awurade na ose.

AKCB: 17AKCB

“Mo ani ne mo komawɔ mfaso bɔne nko ara so,sɛ muhwie mogya a edi bem guna moyɛ nhyɛso ne asisi nso.”

AKCB: 18AKCB

Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho:“Wɔrensu no:‘A, me nuabarima! A, me nuabea!’Wɔrensu no:‘A, me wura! A, nʼahoɔfɛ!’

AKCB: 19AKCB

Wobesie no sɛ afurum,wɔbɛtwe nʼase na wɔatow no akyeneYerusalem apon akyi.”

AKCB: 20AKCB

“Monkɔ Lebanon nkosu,momma wɔnte mo nne wɔ Basan,munsu mfi Abarim,efisɛ wɔadwerɛw mo dɔm nyinaa.

AKCB: 21AKCB

Mebɔɔ wo kɔkɔ, bere a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo no,nanso wokae se, ‘Merentie!’Eyi ne ɔkwan a wonam so fi wo mmerantebere mu;woanyɛ osetie amma me.

AKCB: 22AKCB

Mframa bɛbɔ wo nguanhwɛfo nyinaa akɔ,na wʼapamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu.Afei wʼani bewu na wʼanim agu aseesiane wʼamumɔyɛ nyinaa nti.

AKCB: 23AKCB

Mo a mote Lebanon,na modeda sida adan mu,sɛnea mubesi apini wɔ ɔyaw mu,ɔyaw ɛte sɛ ɔbea a ɔreko awo de.

AKCB: 24AKCB

“Nokware, sɛ mete ase yi,” Awurade na ose, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛ me nsa nifa so nsɔwano kaa a, anka mɛworɔw wo.

AKCB: 25AKCB

Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wusuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafo.

AKCB: 26AKCB

Mɛpam wo ne ɛna a ɔwoo wo no akogu ɔman foforo so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, hɔ na mo baanu bewuwu.

AKCB: 27AKCB

Morensan mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsan aba so no so bio.”

AKCB: 28AKCB

Saa ɔbarima Yehoiakin yi yɛ asɛnka a abɔade a obiara mpɛ ana?Adɛn nti na wɔbɛpam ɔne ne mma,akogu asase a wonnim so no so?

AKCB: 29AKCB

Ao, asase, asase, asase!Tie Awurade asɛm!

AKCB: 30AKCB

Sɛɛ na Awurade se:“Monkyerɛw ɔbarima yi ho asɛm nto hɔ te sɛ obi a onni ba,ɔbarima a ɔrennya nkɔso ne nkwa nna nyinaana nʼasefo mu biara rennya nkɔso,na wɔn mu biara rentena Dawid ahengua sona wɔrenni Yuda so hene bio.”