Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 21

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 21 Bible text

AKCB: 1AKCB

Asɛm fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn bere a ɔhene Sedekia somaa Malkia babarima Pashur ne Maaseia babarima ɔsɔfo Sefania kɔɔ ne nkyɛn no. Wɔkae se,

AKCB: 2AKCB

“Bisa Awurade, ma yɛn efisɛ Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebedi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwonwade ama yɛn, sɛnea ɔyɛɛ mmere bi a atwa mu no na ama wafi yɛn so akɔ.”

AKCB: 3AKCB

Na Yeremia buaa wɔn se, “Monka nkyerɛ Sedekia se,

AKCB: 4AKCB

‘Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Merebɛdan mo nsam akode atia mo, nea mode reko atia Babiloniahene ne Babiloniafo a wɔwɔ ɔfasu no akyi na wɔatua mo kuropɔn no ano. Mɛboa wɔn ano wɔ kuropɔn yi mu.

AKCB: 5AKCB

Me ara mede nsa a mateɛ ne abasa a ɛyɛ den bɛko atia mo wɔ abufuw, anibere ne abufuwhyew mu.

AKCB: 6AKCB

Mɛbobɔ wɔn a wɔtete kuropɔn yi mu ahwehwe fam; nnipa ne mmoa nyinaa, na ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bekunkum wɔn.

AKCB: 7AKCB

Ɛno akyi, Awurade asɛm ni, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfo ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, afoa ne ɔkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no. Ɔde afoa bekunkum wɔn; ɔrenhu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehye mma wɔn.’

AKCB: 8AKCB

“Bio, ka kyerɛ nnipa no se, ‘Eyi ne nea Awurade se: Hwɛ mede nkwa kwan ne owu kwan resi mo anim.

AKCB: 9AKCB

Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bewu wɔ afoa anaa ɔkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara a obepue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafo a wɔabetua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi.

AKCB: 10AKCB

Mawe ahinam sɛ mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ose. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhyew no.’

AKCB: 11AKCB

“Nea ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehye se, ‘Muntie Awurade asɛm;

AKCB: 12AKCB

Dawidfi, sɛɛ na Awurade se:“ ‘Mummu atɛntrenee anɔpa biara;munnye nea wɔabɔ no korɔn nomfi ne nhyɛsofo nsam,anyɛ saa a, mʼabufuwhyew bɛsɔre na ahyew sɛ ogyaesiane bɔne a moayɛ nti,ɛbɛhyew a obiara rennum no.

AKCB: 13AKCB

Mene mo anya, YerusalemMo a mote obon yi atifiabotan asasetaw so, Awurade na ose,mo a moka se, “Hena na obetumi ako atia yɛn?Hena na obetumi ahyɛn yɛn hintabea?”

AKCB: 14AKCB

Mɛtwe mo aso sɛnea ɛfata mo nneyɛe, Awurade na ose.Mɛto mo kwae mu gya,a ɛbɛhyew biribiara a atwa mo ho ahyia no.’ ”