Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 18

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 18 Bible text

AKCB: 1AKCB

Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn.

AKCB: 2AKCB

“Kɔ ɔnwemfo no fi, na hɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo.”

AKCB: 3AKCB

Ɛno nti, mekɔɔ ɔnwemfo no fi na mihuu no sɛ, ɔreyɛ adwuma wɔ ne ntwahode so.

AKCB: 4AKCB

Nanso kuku a na ɔde dɔte no reyɛ ho adwuma no sɛe wɔ ne nsam; ɛno nti ɔnwemfo no yɛɛ kuku foforo, sɛnea eye pa ara ma no.

AKCB: 5AKCB

Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

AKCB: 6AKCB

“Israelfi, merentumi nyɛ mo sɛnea ɔnwemfo yi yɛ ana?” Awurade na ose. “Sɛnea dɔte te wɔ ɔnwemfo nsam no, saa ara na mote wɔ me nsam, Israelfi.

AKCB: 7AKCB

Sɛ bere biara meka se ɛsɛ sɛ wotutu ɔman bi anaa ahenni bi ase, dwerɛw wɔn, sɛe wɔn a,

AKCB: 8AKCB

na sɛ ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra fi ne bɔne ho a, mɛsakra mʼadwene na meremfa amanehunu a misusuwii sɛ mede bɛba wɔn so mma bio.

AKCB: 9AKCB

Na sɛ mmere foforo bi meka se, ɛsɛ sɛ wɔkyekye ɔman anaa ahenni bi gye no si hɔ,

AKCB: 10AKCB

na sɛ ɔyɛ bɔne wɔ mʼani so na wanyɛ osetie amma me a, ɛno de mesan adwene papa a mepɛɛ sɛ meyɛ no no ho.

AKCB: 11AKCB

“Na afei ka kyerɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem no se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Hwɛ! mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛe a etia mo. Ɛno nti mo mu biara nnan mfi nʼakwammɔne so na munsiesie mo akwan ne mo nneyɛe.’

AKCB: 12AKCB

Nanso wobebua se, ‘So nni mfaso. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛe so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a efi ne koma bɔne mu.’ ”

AKCB: 13AKCB

Ɛno nti nea Awurade se ni,“Mummisa wɔ amanaman no mu se,hena na wate biribi sɛɛ pɛn?Ɔbabun Israel ayɛade bi a ɛyɛ hu yiye.

AKCB: 14AKCB

So sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon noyera fi nʼabotan a esian no so ana?So nʼatifi nsu wiridudu a efi akyirikyirino gyae sen ana?

AKCB: 15AKCB

Nanso me nkurɔfo werɛ afi me.Wɔhyew nnuhuam ma ahoni huhuw,a ɛma wohintihintiw wɔ wɔn akwan sone tete atempɔn so.Wɔma wɔfa kwatikwanne akwan a wɔmmɔe so.

AKCB: 16AKCB

Wɔn asase bɛda mpan,na ayɛ ade a wobebu no animtiaa daa;wɔn a wotwa mu hɔ no ho bedwiriw wɔnna wobehinhim wɔn ti.

AKCB: 17AKCB

Sɛnea apuei mframa te no,mɛbɔ wɔn ahwete wɔ wɔn atamfo anim;mɛdan mʼakyi akyerɛ wɔn na ɛnyɛ mʼanimwɔ wɔn amanehunu da no.”

AKCB: 18AKCB

Wɔkae se, “Mommra ma yɛmfa adwene ntia Yeremia; sɛnea ɛbɛyɛ a asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho, anyansafo no afotu anaa asɛm a efi adiyifo hɔ no renyera. Mommra na yentu yɛn ano ngu ne so a yɛrentie nea ɔbɛka biara.”

AKCB: 19AKCB

Yɛ aso ma me, Awurade;tie nea wɔn a wɔpam me ti so no reka!

AKCB: 20AKCB

Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka ana?Nanso wɔatu amoa ama me.Kae sɛ migyinaa wʼanimna mekasa maa wɔn,sɛnea wubeyi wʼabufuwhyew afi wɔn so.

AKCB: 21AKCB

Ɛno nti, ma ɔkɔm nne wɔn mma;yi wɔn ma afoa.Ma wɔn yerenom nyɛ abonin ne akunafo;ma wonkunkum wɔn mmarima,na wɔmfa afoa nkunkum wɔn mmerante wɔ ɔko mu.

AKCB: 22AKCB

Ma wɔnte osu wɔ wɔn afi mubere a atamfo atu wɔn so sa mpofirim,efisɛ wɔatu amoa ama me,na wɔasunsum mʼanan mfiri.

AKCB: 23AKCB

Nanso wunim Awurade,pɔw a wɔabɔ nyinaa se wobekum me.Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn,na nyi wʼani mfi wɔn bɔne so.Ma wonni nkogu wɔ wʼanim;na wo ne wɔn nni wɔ wʼabufuw mu.