Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 17

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 17 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Wɔde dade kyerɛwdua akrukyerɛw Yuda bɔne,dade kyerɛwdua a ano te sɛ kyerɛwbo,wɔ wɔn koma apon sone wɔn afɔremuka mmɛn so.

AKCB: 2AKCB

Mpo, wɔn mma kaewɔn afɔremuka ne Asera nnuaa ɛwɔ nnua a adennan no nkyɛnne nkoko atenten no so.

AKCB: 3AKCB

Me mmepɔw a ɛwɔ asase no so,mo ahonyade ne mo nnwetɛbona nyinaamede bɛma sɛ asade,ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso,esiane mo man no so bɔne nti.

AKCB: 4AKCB

Mo ankasa mfomso nti mobɛhwereagyapade a mede maa mo no.Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfowɔ asase a munnim so so,efisɛ moahwanyan mʼabufuw,na ɛbɛtena hɔ daa.”

AKCB: 5AKCB

Sɛɛ na Awurade se,“Nnome nka nea ɔde ne ho to onipa so,nea ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔdenna ne koma dan fi Awurade ho.

AKCB: 6AKCB

Ɔbɛyɛ sɛ wura a ɛwɔ nsase tamaa so;sɛ yiyedi ba a ɔrenhu,ɔbɛtena nweatam a awo so,ne nkyene asase a obi nte so so.

AKCB: 7AKCB

“Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so,na nʼanidaso wɔ ne mu.

AKCB: 8AKCB

Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no asu hona ne ntin teɛ kɔ asu no mu.Sɛ ahuhuru ba a onsuro;ne nhaban yɛ frɔmfrɔm mmere nyinaa.Onni ɔhaw biara wɔ afe a osu ntɔ muna ɛkɔ so sow aba daa.”

AKCB: 9AKCB

Koma yɛ nnaadaa sen ade nyinaana ano nni aduru.Hena na ɔbɛte nʼase?

AKCB: 10AKCB

“Me Awurade, mepɛɛpɛɛ koma muna mehwehwɛ adwene mu,gyina so de tua onipa ka sɛnea nʼabrabɔ te,ne sɛnea ɛfata ne nneyɛe.”

AKCB: 11AKCB

Sɛnea asɛmɛntɛ a osow nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee no,saa ara na onipa a onya sika a ɔmfa ɔkwan pa so no te.Sɛ obu ne nkwa nna mu abien a wobegyaw no mu,na awiei no, ne kwasea bɛda adi.

AKCB: 12AKCB

Anuonyam ahengua a wɔama so fi mfiase no,ne yɛn kronkronbea.

AKCB: 13AKCB

Awurade, woyɛ Israel anidaso,wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bewu.Wɔn a wɔtwe wɔn ho fi wo ho no, wobesie wɔnefisɛ wɔagyaw Awuradea ɔyɛ nkwa asuti no.

AKCB: 14AKCB

Sa me yare Awurade, na me ho bɛtɔ me;gye me na menya nkwa,na wo ne ɔbaako a mekamfo wo.

AKCB: 15AKCB

Wobisa me daa sɛ,“Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ?Ma ɛmmra mu mprempren!”

AKCB: 16AKCB

Minnguan mfii mʼadwuma sɛ wo guanhwɛfo ho;wunim sɛ menhwehwɛɛ abasamtu da.Nea efi mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim.

AKCB: 17AKCB

Nhunahuna me;wo ne me guankɔbea wɔ amanehunu da.

AKCB: 18AKCB

Ma wɔn a wɔtaa me anim ngu ase,na yi me fi ahohora mu.Ma wɔmmɔ hu,nanso mma me koma ntu.Ma amanehunu da no mmra wɔn so;fa ɔhawprenu sɛe wɔn.

AKCB: 19AKCB

Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kogyina nnipa no pon a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛmfiri no; kogyina Yerusalem apon a aka no nso ano.

AKCB: 20AKCB

Ka kyerɛ wɔn se, ‘Muntie Awurade asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yudafo nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apon yi mu.

AKCB: 21AKCB

Sɛɛ na Awurade se: Monhwɛ yiye na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apon mu.

AKCB: 22AKCB

Monnsoa adesoa mfi mo afi mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛnea mehyɛɛ mo agyanom no.

AKCB: 23AKCB

Nanso wɔantie na wɔammu; wɔyɛɛ asoɔden, wɔantie na wɔampɛ nteɛso.

AKCB: 24AKCB

Nanso sɛ mohwɛ yiye na moyɛ osetie ma me a, sɛɛ na Awurade se, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apon mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a,

AKCB: 25AKCB

ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo bɛfa saa apon yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa.

AKCB: 26AKCB

Nnipa befi Yuda nkurow ne nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia no aba, wobefi Benyamin asase ne atɔe fam nkoko so, wobefi mmepɔw, mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ, aduan afɔrebɔde, nnuhuam ne aseda afɔrebɔde reba Awurade fi.

AKCB: 27AKCB

Nanso sɛ moanyɛ osetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apon mu Homeda a, ɛno de mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apon mu na abɛhyew nʼaban ahorow no.’ ”