Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yeremia Nhoma 15

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yeremia Nhoma 15 Bible text

AKCB: 1AKCB

Afei Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel begyinaa mʼanim a anka me koma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma womfi mʼani so! Ma wɔnkɔ!

AKCB: 2AKCB

Na sɛ wobisa wo se, ‘Ɛhe na yɛnkɔ’ a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Awurade se:“ ‘Wɔn a wɔahyɛ owu ama wɔn no, bɛkɔ owu mu;wɔn a wɔahyɛ afoa ama wɔn no bɛtotɔ wɔ afoa ano;wɔn a wɔahyɛ ɔkɔm ama wɔn no, ɔkɔm bɛde wɔn;wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommum mu.’

AKCB: 3AKCB

“Mede adesɛefo ahorow anan bɛba wɔn so,” Awurade na ose, “afoa a ebekunkum wɔn, akraman a wɔbɛtwe wɔn ase akɔ, wim nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtetew wɔn nam asɛe wɔn.

AKCB: 4AKCB

Mɛma wɔayɛ akyiwade ama asase so ahenni nyinaa, esiane nea Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem nti.

AKCB: 5AKCB

“Hena na obehu wo mmɔbɔ, Yerusalem?Hena na obegyam wo?Hena na obegyina abisa sɛnea wo ho te?

AKCB: 6AKCB

Woapo me,” Awurade na ose.“Wugu akyirisan so ara.Ɛno nti mɛteɛ me nsa wɔ wo so na masɛe wo.Me yam renhyehye me mma wo bio.

AKCB: 7AKCB

Mede nhuhuwso apampaa behuhuw wɔn sowɔ asase no kuropɔn apon ano.Mede owu ne ɔsɛe bɛba me nkurɔfo so,efisɛ wɔnsakraa wɔn akwan ɛ.

AKCB: 8AKCB

Mɛma wɔn akunafo adɔɔsoasen mpoano nwea.Mede ɔsɛefo bɛba owigyinae,abɛhaw wɔn mmerante nanom;mpofirim medeɔyaw ne ehu bɛba wɔn so.

AKCB: 9AKCB

Ɔbeatan a wawo ason bɛtɔ beraw,na wagyaa mu.Ne wia bɛtɔ wɔ bere a ade nsaa ɛ;wobegu nʼanim ase abrɛ no ase.Mede nkae no bɛma afoawɔ wɔn atamfo anim,” Awurade na ose.

AKCB: 10AKCB

Ao, me na a wowoo me,onipa a asase no sofo nyinaa ne me ham, di aperepere!Memfɛm obi biribi na memmɔɔ bosea mfii obi hɔ ɛ,nanso obiara dome me.

AKCB: 11AKCB

Awurade kae se,“Nokware megye wo ama botae pa bi;ampa ara mɛma wʼatamfo apa wo kyɛwwɔ amanehunu ne ahohia mmere mu.

AKCB: 12AKCB

“Onipa betumi abu dade mudade a efi atifi fam, anaa kɔbere?

AKCB: 13AKCB

“Mo ahode ne mo nnwetɛbonamede bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka,esiane mo nnebɔne nyinaawɔ mo man no mu nti.

AKCB: 14AKCB

Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfowɔ ɔman a munnim so so,mʼabufuw bɛma ogya adɛwna ɛbɛhyew mo.”

AKCB: 15AKCB

Wote ase, Awurade;kae me na hwɛ me so.Tɔ wɔn a wɔtaa me no so were.Wowɔ abodwokyɛre, mma me nwu;hwɛ sɛnea wo nti wɔbɔ me ahohora.

AKCB: 16AKCB

Wo nsɛm bae no, midii;ɛyɛɛ mʼahosɛpɛw ne me koma apɛde,na wo din da me so,Ao, Asafo Awurade Nyankopɔn.

AKCB: 17AKCB

Mantena wɔn a wogye wɔn ani fekuw mu,ne wɔn annye wɔn ani;metew me ho tenae, efisɛ wo nsa daa me sona wʼabufuw hyɛɛ me ma.

AKCB: 18AKCB

Adɛn nti na me yaw to ntwa dana mʼapirakuru ayɛ akisikuru a ano yɛ den?Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me,sɛ asuti a ɛyow ana?

AKCB: 19AKCB

Enti sɛɛ na Awurade se,“Sɛ wosakra wʼadwene a megye wo ato mu biona woasom me;sɛ nsɛm a edi mu fi wʼanom, na ɛnyɛ nsɛm huhuw a,wobɛyɛ me kasamafo.Ma saa nnipa yi nnan mmra wo nkyɛn,na wo de, ɛnsɛ sɛ wodan kɔ wɔn nkyɛn.

AKCB: 20AKCB

Mede wo bɛyɛ ɔfasu ama saa nnipa yi,bammɔ fasu a wɔde kɔbere ato;wɔne wo bedi asinanso wɔrenni wo so nkonim,efisɛ me ne wo wɔ hɔsɛ meyi wo na magye wo nkwa,” Awurade, na ose.

AKCB: 21AKCB

“Megye wo nkwa afi amumɔyɛfo nsamna mayi wo afi atirimɔdenfo nsam.”