Scripture
Odiyifo Yeremia Nhoma 14
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifo Yeremia Nhoma 14 Bible text
Mmapɔmma soma wɔn asomfo ma wɔkɔhwehwɛ nsu;wɔkɔhwɛ ahina munanso wonnya nsu.Wɔde wɔn asuhina san ba a hwee nni mu;wɔde awerɛhow ne abawpakatakata wɔn ti so.
Sare so mfurum gyinagyina nkoko wosee no sohome sɛ sakraman;wɔkrankran wɔn ani hwehwɛ didibeananso wonhu bi.”
Ɛwɔ mu sɛ yɛn amumɔyɛ di adanse tia yɛn de,nanso Awurade, wo din nti yɛ ho biribi.Yɛn atuatew dɔɔso;na yɛayɛ bɔne atia wo.
Wo a woyɛ Israel Anidaso,nʼAgyenkwa wɔ amanehunu mmere mu,adɛn nti na woayɛ sɛ ɔhɔho wɔ asase no so,sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo?
Adɛn nti na woayɛ sɛ obi a ade afu ne mu yi,sɛ ɔkofo a onni ahoɔden a ɔde boa?Wowɔ yɛn ntam, Awuradena wo din da yɛn so;nnyaw yɛn mu!
Eyi ne nea Awurade ka fa saa nnipa yi ho:“Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyin ho yiye;wɔmma wɔn anan nhome.Ɛno nti Awurade nnye wɔn nto mu;afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛsɛm nona watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.”
Mmom ɛwɔ mu sɛ wodi mmuada de, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre de, nso merennye. Mmom, mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”
Nanso mekae se, “Ao, Otumfo Awurade, adiyifo no ka kyerɛ wɔn daa se, ‘Morenhu afoa, na ɔkɔm remma. Nokware mɛma mo asomdwoe a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’ ”
Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Adiyifo no hyɛ akɔntoro wɔ me din mu. Mensomaa wɔn, minnyii wɔn na menkasa nkyerɛɛ wɔn ɛ. Wɔrehyɛ nkɔm fa atoro anisoadehu, asumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho.
Ɛno nti, nea Awurade ka fa adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho ni: mensomaa wɔn nanso wɔka se, ‘Afoa biara anaa ɔkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifo no ara bɛtotɔ wɔ afoa ano ne ɔkɔm mu.
Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtotow wɔn agu Yerusalem mmɔnten so esiane ɔkɔm ne afoa nti. Wɔrenya obiara nsie wɔn: wɔn yerenom, wɔn mmabarima anaa wɔn mmabea. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.
“Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn:“ ‘ma nisu nguare meanadwo ne awia, a to ntwa,efisɛ Ɔbabea Babun no, me nkurɔfo,anya apirakuru a ɛyɛ huna ɛyɛ ahodwiriw mmoroso.
Sɛ mekɔ ɔman no mu a,mihu nnipa a wɔatotɔ wɔ afoa ano;sɛ mekɔ kuropɔn no mu amihu ɔkɔm nsunsuanso.Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaakɔ asase a wonnim so so.’ ”
Woapo Yuda koraa ana?Wubu Sion animtiaa ana?Adɛn nti na wode ɔhaw aba yɛn sona yennya ayaresa?Yɛn ani daa asomdwoe so,nanso ade papa biara mmaa ɛ;yɛn ani daa ayaresa bere sonanso ehu na ɛbae.
Na wo din nti mmu yɛn animtiaa;nhura wʼanuonyam ahengua no ho.Kae wo ne yɛn apam nona mmu so.
Na amanaman ahoni ahuhuw no mu bi ma osu tɔ ana?Wim ankasa na ɛtɔ obosu ana?Dabi da, ɛyɛ wo, Awurade yɛn Nyankopɔn.Enti wo so na yɛn ani da,na wo na woyɛ eyinom nyinaa.