Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 65

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 65 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase;wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me.Ɔman a wonsu mfrɛ me no,meka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mini, Mini.’

AKCB: 2AKCB

Da mu nyinaa, matrɛw me nsa mu amannipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano,a wɔnenam akwammɔne so,na wodi wɔn ankasa nsusuwii akyi.

AKCB: 3AKCB

Nnipa a daa no woyi me ahiwɔ mʼanim pɛɛ,wɔbɔ afɔre wɔ nturo muna wɔhyew nnuhuam wɔ ntayaa afɔremuka so;

AKCB: 4AKCB

wɔn a wɔtenatena nna sona anadwo wosii pɛ kokoa mu;wɔwe mprakonamna wɔn nkutu mu wɔ nkwan a wɔde nam a ɛho ntew ayɛ;

AKCB: 5AKCB

wɔka se, ‘Mumfi ha; mommmɛn me,efisɛ me ho tew dodo ma mo!’Saa nnipa yi yɛ wusiw wɔ me hwenem,ogya a ɛkɔ so hyew da mu nyinaa.

AKCB: 6AKCB

“Hwɛ; wɔakyerɛw ato hɔ wɔ mʼanim se,merenyɛ komm, metua so ka pɛpɛɛpɛ;metua so ka agu wɔn asrɛ so,

AKCB: 7AKCB

mo ne mo agyanom bɔne nti,”sɛɛ na Awurade se.“Esiane sɛ wɔhyew afɔrebɔde wɔ mmepɔw sona wotwirii me wɔ nkoko so ntimesusuw bɔne a wɔyɛɛ kan no so akatua pɛpɛɛpɛagu wɔn asrɛ so.”

AKCB: 8AKCB

Sɛɛ na Awurade se:“Sɛnea wonya nsu fi bobe kasiaw mu,na nnipa ka se, ‘Monnsɛe no,efisɛ ade pa bi da so wɔ mu’ nosaa ara na mʼasomfo no nti mɛyɛ.Merensɛe wɔn nyinaa.

AKCB: 9AKCB

Mede Yakob asefo bɛba,na me mmepɔw no sodifo afi Yuda aba;me nkurɔfo a mapaw wɔn no bedi wɔn ade,na hɔ na mʼasomfo bɛtena.

AKCB: 10AKCB

Saron bɛyɛ nguankuw adidibea,na Akor bon no ayɛ anantwikuw homebeaama me nkurɔfo a wɔhwehwɛ me.

AKCB: 11AKCB

“Na mo a mo de mugyaw Awuradena mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no,mo a moto pon ma Ahonyana mohyɛ afrasa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea no,

AKCB: 12AKCB

mede mo bɛto afoa ano,na mo nyinaa akotow ama wɔakum mo;efisɛ mefrɛe nanso moannye so,mekasae nanso moantie.Moyɛɛ nea ɛyɛ mʼani so bɔnena moyɛɛ nea mempɛ.”

AKCB: 13AKCB

Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se:“Mʼasomfo bedidi,nanso ɔkɔm bɛde mo,mʼasomfo bɛnom,nanso osukɔm bɛde mo;mʼasomfo ani begye,nanso mo anim begu ase.

AKCB: 14AKCB

Mʼasomfo bɛto nnwomafi koma mu anigye muna mobɛteɛ mu asuafi mo koma ahoyeraw mu,na mubetwa adwo afi honhom a ayɛ mmrɛw mu.

AKCB: 15AKCB

Wubegyaw din bi a ɛbɛyɛ mmusuama wɔn a mapaw wɔn;Otumfo Awurade bekum wona nʼasomfo de, mɛma wɔn din foforo.

AKCB: 16AKCB

Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so no,bɛyɛ wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu;obiara a ɔka ntam wɔ asase no sobɛka no wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu.Na ɔhaw a atwa mu no wɔn werɛ befina wɔde behintaw me.

AKCB: 17AKCB

“Hwɛ! Mɛbɔɔsorosoro foforo ne asase foforo.Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio,na ɛremma adwene mu nso.

AKCB: 18AKCB

Nanso momma mo ani nnye na munni ahurusi afebɔɔwɔ nea merebɛbɔ ho,efisɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anigye,na mu nnipa ayɛ anigye farebae.

AKCB: 19AKCB

Mɛsɛpɛw me ho wɔ Yerusalem mu,na madi ahurusi wɔ me nkurɔfo ho.Na wɔrente agyaadwo ne osu nnyigyeiwɔ mu bio.

AKCB: 20AKCB

“Ɛrensi bio wɔ muabofra a ne nkwanna yɛ kakraa bi,anaa akwakoraa a onni ne mfe nwie;nea odi mfe ɔha na owu nowɔbɛfa no sɛ ɔbabun bi kɛkɛ;na nea wannya mfe ɔha nowɔbɛfa no sɛ wɔadome no.

AKCB: 21AKCB

Wobesisi afi na wɔatena mu,wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba.

AKCB: 22AKCB

Wɔrensisi afi mma afoforo mmɛtena mu bio,na wɔrennua mma afoforo mmedi.Na nna a dua di no,saa ara na me nkurɔfo nna bɛyɛ;me nkurɔfo a mapaw wɔn no bediwɔn nsa ano adwuma so aba akyɛ.

AKCB: 23AKCB

Wɔremmrɛ nguna wɔrenwo mma a wɔn nkrabea nye;efisɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn,wɔne wɔn asefo.

AKCB: 24AKCB

Mebua wɔn ansa, mpo, na wɔafrɛ me.Bere a wogu so rekasa no metie.

AKCB: 25AKCB

Pataku ne oguamma bedidi abɔ mugyata bɛwe sare sɛ nantwi,nanso mfutuma bɛyɛ ɔwɔ aduan.Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obiwɔ me bepɔw kronkron so nyinaa,”sɛnea Awurade se ni.