Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 64

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 64 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ao, sɛ anka wubesunsuane ɔsorosoro mu, asian aba fam a,ɛno na anka mmepɔw no ho bɛpopo wɔ wʼanim!

AKCB: 2AKCB

Sɛnea ogya ma mmabaa dɛwna ɛma nsu huru no,sian bra fam na ma wʼatamfo nhu wo din,na ma amanaman no ho mpopo wɔ wʼanim!

AKCB: 3AKCB

Na bere a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yɛanhwɛ anim no,wusian baa fam na mmepɔw no ho popoo wɔ wʼanim.

AKCB: 4AKCB

Efi teteete obiara ntee,entwaa obiara aso mu,ani biara nhuu Onyankopɔn bi sɛ wo,nea odi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no no.

AKCB: 5AKCB

Woboa wɔn a wɔde anigye yɛ nea ɛteɛ,wɔn a wɔkae wʼakwan.Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wɔn no,wo bo fuwii.Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa?

AKCB: 6AKCB

Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho ntew,na yɛn trenee nneyɛe nyinaa te sɛ ntamagow fi;yɛn nyinaa akisa te sɛ ahaban,na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa.

AKCB: 7AKCB

Obiara mmɔ wo din,na obiara mpere sɛ obeso wo mu;efisɛ wode wʼanim ahintaw yɛnna yɛn bɔne nti woama yɛasɛe.

AKCB: 8AKCB

Nanso wo, Awurade, ne yɛn Agya.Yɛyɛ dɔte, na wo ne ɔnwemfo no;yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.

AKCB: 9AKCB

Mma wo bo mfuw ntra so, Awurade;nkae yɛn bɔne da biara da.Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo,efisɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfo.

AKCB: 10AKCB

Wo nkuropɔn kronkron no adan nweatam;Sion mpo ayɛ nweatam, Yerusalem ada mpan.

AKCB: 11AKCB

Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ anuonyam, faako a yɛn nenanom yii wo ayɛ no,wɔde ogya ahyew,na nea ɛsom bo ma yɛn no, abubu.

AKCB: 12AKCB

Eyi nyinaa akyi, Awurade, wode wo ho bɛkame yɛn ana?Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so ana?