Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 38

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 38 Bible text

AKCB: 1AKCB

Saa nna no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos babarima Odiyifo Yesaia kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Sɛnea Awurade se ni: Toto wʼakwan yiye, efisɛ worebewu; na wo ho renyɛ wo den bio.”

AKCB: 2AKCB

Bere a Hesekia tee asɛm yi, otwaa nʼani hwɛɛ ɔfasu, bɔɔ Awurade mpae se,

AKCB: 3AKCB

“Kae, Awurade, sɛnea manantew wʼanim nokware mu na mede me koma ayɛ nea ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.

AKCB: 4AKCB

Na saa asɛm yi fii Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ se,

AKCB: 5AKCB

“San kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Awurade, wʼagya Dawid Nyankopɔn, ka: Mate wo mpaebɔ no, na mahu wo nisu. Mede mfe dunum bɛka wo nkwanna ho.

AKCB: 6AKCB

Na megye wo ne kuropɔn yi afi Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban.

AKCB: 7AKCB

“ ‘Na eyi ne nsɛnkyerɛnne a Awurade bɛyɛ de adi ho adanse sɛ, obedi ne bɔhyɛ so:

AKCB: 8AKCB

Mɛma owia ano sunsuma atwe akɔ nʼakyi anammɔn du wɔ Ahas antweri so.’ ” Ɛno nti, owiahyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn du.

AKCB: 9AKCB

Nea Yudahene Hesekia kyerɛw wɔ ne yare ne nʼayaresa akyi ni:

AKCB: 10AKCB

Mekae se, “Mʼasetena mu nnapa yi muɛsɛ sɛ mefa owu apon muna wogye me mfe a aka yi ana?”

AKCB: 11AKCB

Mekae se, “Merenhu Awurade Nyankopɔn bio Awurade a ɔwɔ ateasefo asase so.Merenhu adesamma bio,anaa merenka wɔn a wɔte wiase yi ho bio.

AKCB: 12AKCB

Wɔadwiriw me fi agu agye afi me nsam,te sɛ, oguanhwɛfo ntamadan.Matwa me nkwa so sɛnea ɔnwemfotwa me fi asadua so;awia ne anadwo wutwaa me nkwa so.

AKCB: 13AKCB

Mede ntoboase twɛn kosii ahemadakye,nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata;awia ne anadwo wutwaa me nkwa so.

AKCB: 14AKCB

Misuu sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn;mitwaa adwo sɛ, aborɔnoma a ɔredi awerɛhow.Mʼani yɛɛ siamoo bere a mehwɛɛ soro.Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!”

AKCB: 15AKCB

Na dɛn na metumi aka?Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ eyi.Mede ahobrɛase bɛnantew mʼasetena nyinaa mume kra ahoyeraw yi nti.

AKCB: 16AKCB

Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwana me honhom nso nya nkwa wɔ mu.Wode mʼakwahosan asan ama menam so ama manya nkwa.

AKCB: 17AKCB

Yiw, ɛyɛ me yiyeyɛ ntina mekɔɔ saa ahoyeraw yi mu.Wo dɔ nti, wode me sieina mankɔ ɔsɛe amoa mu;na wode me bɔne nyinaa akyɛ me.

AKCB: 18AKCB

Ɔda rentumi nkamfo wo;owu rentumi nto wo ayeyi nnwom;wɔn a wosian kɔ amoa mu norentumi nnya anidaso wɔ wo nokware mu bio.

AKCB: 19AKCB

Ateasefo nko na wobetumi akamfo wo,sɛnea mereyɛ nnɛ yi;agyanom ka wo nokwaredi ho asɛmkyerɛ wɔn mma.

AKCB: 20AKCB

Awurade begye me nkwa,na yɛde asanku bɛto nnwomyɛn nkwanna nyinaawɔ Awurade fi.

AKCB: 21AKCB

Na Yesaia kae se, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛtɔ no.”

AKCB: 22AKCB

Na Hesekia bisae se, “Dɛn nsɛnkyerɛnne na ɛbɛda no adi sɛ, mɛkɔ Awurade asɔredan mu?”