Skip to main content

Scripture

Odiyifo Yesaia Nhoma 37

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Yesaia Nhoma 37 Bible text

AKCB: 1AKCB

Bere a ɔhene Hesekia tee eyinom no, osunsuan ne ntade mu, na ofuraa atweaatam, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu.

AKCB: 2AKCB

Na ɔsomaa Eliakim a ɔhwɛ ahemfi ntotoe so, Sebna, a ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne asɔfo akunini a wɔn nyinaa furafura atweaatam, kɔɔ Amos babarima Odiyifo Yesaia nkyɛn.

AKCB: 3AKCB

Wɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea ɔhene Hesekia ka ni: Saa da yi yɛ ɔhaw, animka ne animguase da. Ayɛ te sɛ nea mmofra awo du so, na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ.

AKCB: 4AKCB

Nanso ebia Awurade, mo Nyankopɔn ate sɛ Asiria nanmusini no regu Onyankopɔn teasefo no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti bɔ mpae ma yɛn a yɛaka no!”

AKCB: 5AKCB

Bere a Ɔhene Hesekia mpanyimfo no de ɔhene no nkra brɛɛ Yesaia no,

AKCB: 6AKCB

Yesaia ka kyerɛɛ wɔn se, “Ka kyerɛ wo wura se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Mma abususɛm a Asiriahene asomafo no ka tiaa me no nhaw wo.

AKCB: 7AKCB

Muntie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsan akɔ ne man mu na hɔ na mɛma wɔde afoa akum no.’ ”

AKCB: 8AKCB

Bere a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afi Lakis no, ɔsan nʼakyi kohuu sɛ ɔhene no ne Libna reko.

AKCB: 9AKCB

Ankyɛ, ɔhene Sanaherib nyaa nkra se, Tirhaka Etiopiani a ɔyɛ Misraimhene di asraafo anim rebɛko atia no. Bere a ɔtee no, ɔsomaa abɔfo kɔɔ Hesekia nkyɛn de nkra kɔmaa no se,

AKCB: 10AKCB

“Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia se: Mma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka se, ‘Wɔremfa Yerusalem mma Asiriahene.’

AKCB: 11AKCB

Moate nea Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo de, wobegye mo ana?

AKCB: 12AKCB

Anyame a wɔwɔ aman a me nenanom sɛee wɔn no, aman te sɛ, Gosan, Haran, Resef ne Edenfo a na wɔwɔ Talasar no anyame gyee wɔn ana?

AKCB: 13AKCB

Nsɛm bɛn na ɛtotoo Hamathene ne Arpadhene? Nsɛm bɛn nso na ɛtotoo Sefarwaim, Hena ne Iwa ahemfo?”

AKCB: 14AKCB

Hesekia nsa kaa krataa a abɔfo no de bae no, ɔkenkanee. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛw mu wɔ Awurade anim.

AKCB: 15AKCB

Na Hesekia bɔɔ mpae kyerɛɛ Awurade se,

AKCB: 16AKCB

“Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn a wɔasi wo hene wɔ Kerubim ntam. Wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahenni nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase.

AKCB: 17AKCB

Brɛ wʼaso ase, Awurade, na tie! Bue wʼani, Awurade, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefo no.

AKCB: 18AKCB

“Awurade, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛnea nkra no ka no.

AKCB: 19AKCB

Na wɔatow anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu gya mu, ahyew wɔn, efisɛ wɔnyɛ anyame, na mmom wɔyɛ nnua ne abo a nnipa de wɔn nsa ayɛ.

AKCB: 20AKCB

Afei Awurade, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na ama ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ahu sɛ, wo nko ara, Awurade, ne Onyankopɔn.”

AKCB: 21AKCB

Na Amos babarima Yesaia de saa nkra yi kɔmaa Hesekia se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Esiane sɛ woabɔ me mpae afa Asiriahene Sanaherib ho nti,

AKCB: 22AKCB

eyi ne asɛm a Awurade aka atia no:“Ɔbabeabun Sion sopa wo,na ɔserew wo.Ɔbabea Yerusalem di wo ho fɛw,na ɔwosow ne ti bere a woreguan.

AKCB: 23AKCB

Hena na wugye di sɛ woyeyaw no, di ne ho fɛw nso?Hena na womaa wo nne so tiaa nona wohwɛɛ no ahantan so?Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no!

AKCB: 24AKCB

Wonam wʼasomafo soadi Awurade ho fɛw.Na woaka se,‘Me nteaseɛnam dodow ntimaforo mmepɔw atenten.Yiw Lebanon mmepɔw a ɛwoware pa ara no.Matwitwa ne sida atenten no,ne nʼapepaw a ɛyɛ fɛ no agu fam.Madu ne mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so,ne ne kwaeberentuw mu.

AKCB: 25AKCB

Matutu mmura wɔ ahɔho nsase bebree sode ne nsu pa no adwudwo me ho.Mpo, mepaee Misraim nsubɔnten musɛnea mʼakofo betumi atwa!’

AKCB: 26AKCB

“Na Montee ɛ?Bere tenten a atwam, na mehyɛ too hɔ.Bere bi a atwam no na medwenee ho;afei mama aba mu sɛ,moadan ɔman a mosɛe nkuropɔn a wɔabɔho ban.

AKCB: 27AKCB

Wɔn nkurɔfo a tumi afi wɔn nsa noho adwiriw wɔn, na animguase aka wɔn.Wɔte sɛ afuw so nnua,ne afifide foforo a ɛyɛ mmrɛw.Wɔte sɛ sare a efifi ɔdan atifia ɛhyew ansa na anyin.

AKCB: 28AKCB

“Nanso minim nea wotebere a woba ne bere a wokɔne sɛnea wo bo huru tia me.

AKCB: 29AKCB

Na esiane sɛ wo bo huru tia mena wʼahantan adu mʼasom nti,mede me darewa bɛhyɛ wo hwenem,na mede akwankyerɛ dade ahyɛ wʼanom,mɛma wo afa ɔkwan a wofaa so bae no soasan wʼakyi.

AKCB: 30AKCB

“Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama wo, Hesekia:“Saa afe yi wubedi nea ɛno ankasa fifii.Afe a ɛto so abien no, wubedi nea efi mu ba.Nanso afe a ɛto so abiɛsa no de, wo ara dua na twa,yɛ bobe nturo na di so aba.

AKCB: 31AKCB

Bio, nkae bi a ofi Yuda fibegye ntin wɔ fam na wasow aba wɔ soro.

AKCB: 32AKCB

Na nkae bi befi Yerusalem aba,na nkae dɔm afi Bepɔw Sion so.Asafo Awurade pɛ mu na eyi bɛyɛ.

AKCB: 33AKCB

“Eyi ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho:“Ɔrenhyɛn saa kuropɔn yi muna ɔrentow bɛmma wɔ ha.Ɔremfa nkatabo mmegyina kuropɔn no akyina ɔrensi pie ntua nʼano.

AKCB: 34AKCB

Ɔhene no kwan a ɔfaa so bae no ara so na ɔbɛsan afa akɔ nʼankasa man mu.” Awurade ka se,“Ɔrenwura saa kurow yi mu.

AKCB: 35AKCB

Esiane mʼankasa mʼanuonyam ne mʼakoa Dawid nti,mɛbɔ ho ban.”

AKCB: 36AKCB

Afei Awurade bɔfo fii adi na okunkum asraafo mpem ɔha aduɔwɔtwe anum wɔ Asiria nsraban mu. Bere a nnipa no sɔree anɔpa no, wohuu sɛ amu gugu baabiara!

AKCB: 37AKCB

Enti Asiriahene Sanaherib pɔn nʼakofo. Ɔsan kɔɔ Ninewe kɔtenaa hɔ.

AKCB: 38AKCB

Da bi a na ɔresɔre ne nyame Nisrok wɔ abosonnan mu no, ne mma mmarima baanu, Adramelek ne Sareser de afoa kokum no, na woguan kɔɔ Ararat asase so. Na ne babarima Esarhadon bedii nʼade sɛ Asiriahene.