Skip to main content

Scripture

Odiyifo Hosea Nhoma 3

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Hosea Nhoma 3 Bible text

AKCB: 1AKCB

Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Kɔ na kɔfa wo yere no bio. Fa no san bra wo nkyɛn, na dɔ no. Ɛmfa ho sɛ ɔfoforo bi dɔ no anaa sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefo. Dɔ no, sɛnea Awurade da so dɔ Israel, a mpo, nnipa no dan wɔn ho kɔ anyame afoforo nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba tetare no.”

AKCB: 2AKCB

Enti mede gram ɔha aduoson baako (171) ne atoko lita ɔha aduɔwɔtwe abien (182) ne atoko lita aduɔkron baako kɔpataa no.

AKCB: 3AKCB

Na meka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wo ne me tena nna bebree, na wugyae wʼaguamammɔ no; wo ne ɔbarima biara nyɛ nnamfo. Me ne wo bɛtena, nanso me ne wo renna.”

AKCB: 4AKCB

Na ɔman Israel bɛwɔ hɔ nna tenten bi a ɔhene anaa ɔheneba nni mu, na wɔremmɔ afɔre. Wɔrenhu ɔbosom dum anaa asɔfotade anaa ahoni nso wɔ hɔ.

AKCB: 5AKCB

Akyiri yi, Israelfo bɛsan akɔhwehwɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn hene no. Wɔde ahopopo bɛba Awurade nkyɛn na wobenya ne nhyira wɔ nna a edi akyiri no mu.