Skip to main content

Scripture

Odiyifo Hosea Nhoma 2

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifo Hosea Nhoma 2 Bible text

AKCB: 1AKCB

“Frɛ wo nuabarimanom, ‘Me nkurɔfo’ na frɛ wo nuabeanom, ‘Mʼadɔfo.’ ”

AKCB: 2AKCB

“Ka wo na anim, ka nʼanim,na ɔnyɛ me yerena menyɛ ne kunu.Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ aguaman anim nona onnyae awaresɛe a ɔde ne nufu yɛ no.

AKCB: 3AKCB

Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntamana wada adagyaw te sɛ da a wɔwoo no no;mɛma wayɛ sɛ nweatam,mɛdan no asase a awo woseena mama osukɔm akum no.

AKCB: 4AKCB

Merennɔ ne mma,efisɛ wɔyɛ aguaman mma.

AKCB: 5AKCB

Wɔn na anyɛ ɔnokwafona onyinsɛnee wɔn wɔ animguase mu.Ɔkae se, ‘Medi mʼadɔfo akyi,wɔn a wɔma me aduan ne nsu,ne kuntu ne nwera, ngo ne nsa.’

AKCB: 6AKCB

Eyi nti, mede nsɔe besiw no kwan;mɛto ɔfasu afa ne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu kwan.

AKCB: 7AKCB

Obetiw nʼadɔfo, nanso ɔrento wɔn;ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhu wɔn.Afei, ɔbɛka se,‘Mɛsan akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kan no,efisɛ, saa bere no na eye ma me sen mprempren.’

AKCB: 8AKCB

Ɔnkae sɛ me namemaa no aduan, nsa foforo ne ngo,nea ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no soma wɔde kɔsom Baal no.

AKCB: 9AKCB

“Enti sɛ mʼaduan no du twabere a mɛfa mʼade,ne me nsa foforo no nso saa ara.Megye me kuntu ne me nwera,a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagyaw so no.

AKCB: 10AKCB

Enti afei mɛbɔ no adagyawwɔ nʼadɔfo anim;obiara rentumi nnye no mfi me nsam.

AKCB: 11AKCB

Metwa nʼafahyɛ nyinaa so:nʼafirihyia afahyɛ, Ɔsram Foforo afahyɛHomeda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahorow nyinaa.

AKCB: 12AKCB

Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua,nea ɔka se nʼadɔfo de tuaa no ka no;mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ,ama wuram mmoa awe.

AKCB: 13AKCB

Mɛtwe nʼaso wɔ nna aɔhyew aduhuam maa Baal no ho;ɔde nkaa ne agude hyehyɛɛ ne ho,tu dii nʼadɔfo akyi,me de, ne werɛ fii me,”nea Awurade se ni.

AKCB: 14AKCB

“Enti merekɔdaadaa no;mede no bɛkɔ nweatam sona makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ.

AKCB: 15AKCB

Mɛsan de ne bobe mfuw ama no.Mɛyɛ no Sɛkyɛ Bon,anidaso pon.Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛnea na ɔyɛ ne mmabun bere mu none bere a ofii Misraim no.

AKCB: 16AKCB

“Saa da no,” sɛɛ na Awurade se,“Wobɛfrɛ me ‘me kunu’;na woremfrɛ me ‘me wura’ bio.

AKCB: 17AKCB

Meyi Baal ahorow din no afi nʼano;na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio.

AKCB: 18AKCB

Saa da no, mɛyɛ apam ama wɔn,wɔne wuram mmoa ne wim nnomaane mmoa a wɔwea wɔ asase so.Tadua, mpeaw ne ɔko,mɛbra wɔ asase no so,sɛnea wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoe mu.

AKCB: 19AKCB

Mɛware wo afebɔɔ;mɛda trenee ne atɛntrenee,ahummɔbɔ ne ayamhyehye adi akyerɛ wo.

AKCB: 20AKCB

Mɛware wo nokware mu,ama woahu Awurade.

AKCB: 21AKCB

“Saa da no, megye wo so,”nea Awurade se ni.“Megye ɔsoro so,na ɔsoro de osu begye asase so,

AKCB: 22AKCB

na asase nso begye nnɔbae so:bobe foforo ne ngodua,na wɔn nso agye so se ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua.’

AKCB: 23AKCB

Mede Israel bedua asase no so ama me ho;mɛda me dɔ adi akyerɛ nea mekae se, ‘wonyɛ me dɔfo’ no.Mɛka akyerɛ wɔn a misee wɔn sɛ ‘monyɛ me nkurɔfo’ no se‘moyɛ me nkurɔfo,’na wɔn nso aka se, ‘Wone me Nyankopɔn.’”