Skip to main content

Scripture

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 4

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mose Nhoma A Edi Kan (Gyenesis) 4 Bible text

AKCB: 1AKCB

Adam de ne ho kaa ne yere Hawa ma onyinsɛn, woo abarimaa a wɔfrɛ no Kain. Na ɔkae se, Awurade adaworoma, mawo ɔbabarima.

AKCB: 2AKCB

Akyiri no, ɔsan woo nʼakyi babarima too no din Habel.Na Habel bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na Kain nso bɛyɛɛ okuafo.

AKCB: 3AKCB

Nna bi akyi no, Kain de nʼafum nnɔbae bi kɔbɔɔ Awurade afɔre.

AKCB: 4AKCB

Habel nso de ne nyɛmmoa no mu mmakan a wɔadodɔ srade kɔbɔɔ Onyankopɔn afɔre. Awurade ani sɔɔ Habel afɔrebɔ no.

AKCB: 5AKCB

Nanso Kain afɔrebɔ no de, nʼani ansɔ. Asɛm no anyɛ Kain dɛ, na ne bo fuwii.

AKCB: 6AKCB

Awurade bisaa Kain se, “Adɛn nti na wo bo afuw? Adɛn nti na woamuna saa?

AKCB: 7AKCB

Sɛ woyɛ ade pa a, anka wɔrennye wo nto mu ana? Sɛ wonyɛ ade pa de a, bɔne gyina wo pon ano, ɛrehwehwɛ wo ako atia wo, nanso ɛsɛ sɛ wudi no so.”

AKCB: 8AKCB

Da bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel se, “Ma yɛnkɔ afum.” Bere a wɔwɔ afum hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua Habel so, kum no.

AKCB: 9AKCB

Awurade bisaa Kain se, “Wo nua Habel wɔ he?”Kain buae se, “Minnim. Mɛyɛ dɛn ahu? Me na mehwɛ me nua so ana?”

AKCB: 10AKCB

Awurade bisaa Kain se, “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua mogya su fi asase so frɛ me.

AKCB: 11AKCB

Mprempren, wɔadome wo, apam wo afi asase a ebuee nʼano gyee wo nua mogya fii wo nsam no so.

AKCB: 12AKCB

Sɛ woyɛ asase no so adwuma sɛ dɛn ara a, worennya nnɔbae biara mfi so. Wobɛyɛ ɔkobɔfo, akyinkyin asase so.”

AKCB: 13AKCB

Kain kae se, “Awurade mʼasotwe boro me so.

AKCB: 14AKCB

Nnɛ, woapam me afi asase so ne wʼanim. Mɛyɛ ɔkobɔfo akyinkyin asase so na obiara a obenya me no bekum me.”

AKCB: 15AKCB

Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, “Ɛnte saa koraa! Obiara a obekum Kain no benya Kain asotwe no mpɛn ason.” Afei, Awurade hyɛɛ Kain agyirae bi sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara a obehyia no no renkum no.

AKCB: 16AKCB

Enti Kain guan fii Awurade anim, kɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apuei fam.

AKCB: 17AKCB

Kain de ne ho kaa ne yere na onyinsɛn, woo ɔbabarima, too no din Henok. Saa bere no, Kain kyekyeree kurow bi de too ne ba Henok.

AKCB: 18AKCB

Henok woo Irad. Irad woo Mehuyael. Mehuyael woo Metusael. Metusael woo Lamek.

AKCB: 19AKCB

Lamek waree mmea baanu a wɔn din de Ada ne Sila.

AKCB: 20AKCB

Ada woo Yabal a nʼasefo yɛ wɔn a wɔte ntamadan mu yɛn mmoa.

AKCB: 21AKCB

Na Yabal nuabarima din de Yubal a nʼasefo yɛ mmɛnhyɛnfo ne sankubɔfo.

AKCB: 22AKCB

Sila woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Tubal-Kain. Na ɔyɛ kɔbere atomfo ne nnade ahorow nyinaa atomfo agya. Na Tubal-Kain wɔ nuabea bi a ne din de Naama.

AKCB: 23AKCB

Da bi, Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila se,“Muntie me, me yerenommakum aberante bi a,ɔtow hyɛɛ me so, piraa me.

AKCB: 24AKCB

Sɛ Kain so aweretɔ bɛyɛ mpɛn ason a,ɛno de, me Lamek de, nea obekum me no, nʼasotwe bɛyɛ mpɛn aduɔson ason.”

AKCB: 25AKCB

Akyiri no, Adam de ne ho kaa ne yere Hawa. Na ɔwoo ɔbabarima bio. Na wɔtoo no din Set kae se, “Onyankopɔn ama me ɔba foforo asi Habel a Kain kum no no anan mu.”

AKCB: 26AKCB

Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo no din Enos.Saa bere no mu na nnipa fitii ase bɔɔ Awurade din.